Yesaia 17:7 - New Revised Asante Twi Bible7 Ɛda no na onipa ani bɛgyina ne yɛfoɔ, na n’ani bɛhwɛ Israel Kronkronni no; Ver CapítuloTwerɛ Kronkron7 Ɛda no na onipa ani bɛgyina ne yɛfoɔ, na n’ani bɛhwɛ Israel Kronkronni no; Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm7 Saa da no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfo so na wɔadan wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm7 Saa ɛda no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfoɔ so na wɔadane wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON7 Ɛda no na onipa ani begyina ne yɛfo, na n’aniwa bɛhwɛ Israel kronkronni no; Ver Capítulo |
Na wɔwiee yei nyinaa no, Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no nyinaa firii adi kɔɔ Yuda nkuro mu, na wɔkɔbubuu fadum, na wɔtwitwaa Asera nnua, na wɔdwirii sorɔnsorɔmmea ne afɔrebukyia no Yuda ne Benyamin nyinaa, ne deɛ ɛwɔ Efraim ne Manase no nso de kɔsii sɛ wɔwieeɛ. Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa sane kɔɔ wɔn nkuro ne nkuraase.