Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 17:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛda no, Yakob animuonyam no bɛsua, na ne honam a adɔre sradeɛ no bɛtwam;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ɛda no, Yakob animuonyam no bɛsua, na ne honam a adɔre sradeɛ no bɛtwam;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Da no Yakob anuonyam bɛpa; na ne mu srade bɛsa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Ɛda no, Yakob animuonyam bɛpa; na ne mu sradeɛ bɛsa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛda no, Yakob anuonyam no besua, na ne honam a adɔ srade no betwam;

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 17:4
15 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, anantwibereɛ nson foforɔ a wɔn ho yɛ tane na wɔafomfɔn nso firi asubɔnten no mu dii wɔn akyiri bae. Na wɔbɛgyinaa anantwie nson no nkyɛn wɔ asubɔnten no nsunoa.


Ɔno so na Asiriahene Salmaneser baeɛ, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa, na ɔtuaa apeatoɔ maa no.


Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiriahene faa Samaria, na ɔtuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu.


Enti AWURADE, asafo AWURADE no, bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu, na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ,


Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?


Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafoɔ mu anaa wɔne atɔfoɔ atotɔ afra. Yei nyinaa mu no n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Na wɔbɛsɛe Efraim mu abandenden ne Damasko ahennie, na Siria nkaeɛ bɛyɛ sɛ Israelfoɔ animuonyam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na saa na ɛbɛba asase no soɔ, aman no mu, sɛ ngodua poreɛ, sɛ bobe abateɛ akyiri mpɛpɛdie.


Yɛte ayeyie nnwom a ɛfiri asase ano sɛ: Animuonyam nka Ɔteneneeni no. Na mese: Meresa, meresa, mennue! Fatwafoɔ retɔn me; tɔn ara na fatwafoɔ tɔn me.


Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre tia Yuda. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


AWURADE de asɛm bi akra Yakob, na ɛbɛtɔ Israel so,


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ wɔn nie: Hwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan a wɔafɔn no ntam atɛn.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwim nnyawa mmienu anaa asokoraa firi gyata anomu no, saa ara na wɔbɛhwim Israelfoɔ a wɔtete Samaria, te sɛ nnaeɛ ntweaso sini anaa mpa so ntoma sini bi.


AWURADE ho bɛyɛ wɔn hu, ɛfiri sɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara bɛfiri ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios