Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 17:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 woma no fifiri da a woduaeɛ no, na anɔpa a woduaeɛ no ara woma no gu nhyerɛne, nanso ɛso aba bɛtu akɔ, amaneɛ ne yea a ɛnni sabea da no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 woma no fifiri da a woduaeɛ no, na anɔpa a woduaeɛ no ara woma no gu nhyerɛne, nanso ɛso aba bɛtu akɔ, amaneɛ ne yea a ɛnni sabea da no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 ɛwɔ mu, da a muduae no, moma enyinii anɔpa a muduae no, moma eguu nhwiren, nanso otwa no renyɛ hwee sɛ ɔyare ne ɔyaw a wontumi nsa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren. Nanso otwa no renyɛ hwee sɛ yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 woma efifi da a wuduae no, na anɔpa a wuduae no ara ɛyɛ frɔmfrɔm, woma egu nhwiren, nanso ɛso aba no betu akɔ, amane ne yaw a enni awiei.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 17:11
18 Referencias Cruzadas  

Manya nhunui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumuyɛ na wɔgu mmusuo no, ɛno ara na wɔtwa.


anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm, na ɛfefɛ, anwummerɛ wɔtwa, na atwintwam.


na ɛbɛyɛ sɛ otwafoɔ buma ayuo a ɛsisi hɔ, na ɔde ne nsa twa mmɛtem no; na ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔdi ayuo mmɛtem mu mpɛpɛwa wɔ Refaim bonhwa no mu.


Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?


Na mframa na wɔguo, na ahum nso na wɔbɛtwa. Ayuo a ɛgyina hɔ nni mu; deɛ ɛfifire no, wɔyam a, wɔnnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu mpo a, ahɔhoɔ na ɛbɛdie.


Wɔde adeɛ abɔ Efraim; wɔn ase nhini akyenkyen; aba nso wɔrenso; sɛ wɔwo nso a, mɛkum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.


Aba a wɔadua aporɔ ne nkofie mu, aduanekora adan ada mpan, asan abubu, na ayuo asɛe.


na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbaeɛ, na asase no so nnua renso aba.


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


Wobɛtɛ bobe nturo na woadɔ mu, na nsa deɛ, worennom, na woremmoa aba no ano, ɛfiri sɛ mmoa bɛdi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios