Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 16:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Hesbon mfuo ahye; Sibma bobe no, amanaman wuranom abubu ne mman koraa; ɛkɔduruu Yaser, na ɛkyinii serɛ so. Ne mman trɛtrɛe, ma ɛkɔtwaa po.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na Hesbon mfuo ahye; Sibma bobe no, amanaman wuranom abubu ne mman koraa; ɛkɔduruu Yaser, na ɛkyinii serɛ so. Ne mman trɛtrɛe, ma ɛkɔtwaa po.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Hesbon mfuw no hyew, Sibma bobe mfuw nso saa ara. Aman sodifo no atiatia bobe papa no so, nea kan na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛw kɔ nweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛw kɔka mpoano pɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Hesbon mfuo no hye, Sibma bobe mfuo nso saa ara. Aman sodifoɔ no atiatia bobe papa no so, deɛ kane na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛ kɔ anweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛ kɔka mpoano pɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Hesbon mfuw ahome tew; na Sibma bobe, a n’abaa ma aniwa yɛ twann no, amanaman wuranom koduu Yaser, na ekyinii koduu anwea so, n’abaa trɛtrɛwee koduu amanaman so ma ekotwaa po.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 16:8
13 Referencias Cruzadas  

Mo Gilboa mmepɔ, wɔmmma bosuo ne osuo nntɔ nngu mo so, na nnɔbaeɛ mfu mmma mo so, na ɛhɔ na wɔatoto ahoɔdenfoɔ kyɛm atwene, Saulo kyɛm, wɔamfa ngo ansra ho.


Nso ɔno deɛ, ɛnyɛ saa na ɔdwene, na n’akoma nsusu no saa, na ɛwɔ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii.


Na Hesbon ne Eleale team ma wɔte wɔn nne kɔduru Yahas, yei nti na Moab akofoɔ team denden; ne kra ho popo.


Enti mede Yaser su mesu Sibma bobe no, mede nisuo gu wo so, O Hesbon ne Eleale; na wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so na ɔko nteateam aba;


Nsamono twa adwo, bobe ayɛ mmerɛ; wɔn a wɔn akoma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini;


Mede Yaser su no bi mesu wo, O Sibma obobe. Wo mman atra ɛpo, akɔduru Yaser po ano. Wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so na ɔsɛefoɔ no aba,


Na Mose somaa maa wɔkɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkuraa, na ɔtuu Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.


Nkuro Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon,


ne Atrot-sofan ne Yaser ne Yogbeha,


Nebo ne Baal-meon (a din no sakyerasakyeraeɛ) ne Sibma, na wɔtotoo nkuro a wɔkyekyereeɛ no din.


ne Kiriataim ne Sibma ne Seret-sahar, bonhwa no mu bepɔ so


Na wɔn hyeɛ ne Yaser ne Gilead nkuro no nyinaa, ne Amonfoɔ asase fa, de kɔsi Aroer a ɛda Raba anim no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios