Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 15:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na mogya ayɛ Dimon nsuo no ma, na mede ade foforɔ nso meka Dimon ho; gyata bɛba Moab adwanefoɔ ne asase no so nkaeɛ no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na mogya ayɛ Dimon nsuo no ma, na mede ade foforɔ nso meka Dimon ho; gyata bɛba Moab adwanefoɔ ne asase no so nkaeɛ no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Dimon nsu ayɛ mogya nko ara nanso mɛkɔ so ne no adi gyata bɛba Moab aguanfo so ne wɔn a wɔbɛka asase no so no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa nanso mɛkɔ so ne no adi. Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so ne wɔn a wɔbɛka asase no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na mogya ayɛ Dimon nsu no ma, na mede ade foforo nso meka Dimon ho; gyata bɛba Moab aguanfo ne asase no so nkae no so.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 15:9
11 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ wɔn hɔ tena mfitiaseɛ mu no na wɔnsuro AWURADE, na AWURADE somaa agyata maa wɔbaa wɔn mu a wɔkunkumm wɔn mu binom.


Na adwotwa no atwa Moab asase so ahyia, ne su aduru Eglaim, ne su nso aduru Beer-elim.


Na nnoɔma ahodoɔ nnan na mɛma aba wɔn soɔ, AWURADE asɛm nie, afena a wɔde bɛkum wɔn, ne akraman a wɔbɛtete wɔn, ne ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.


Israel yɛ odwanten a wayera a agyata apam no korɔ; akane no, Asiriahene na ɔtetee ne mu, na akyire yi, ne nnompe mpo, Babelhene Nebukadnessar abubu mu.


Na sɛ yeinom mu moantie me ara a, ɛnneɛ mo bɔne nti mɛtwe mo aso mprɛnson aka ho,


ɛnneɛ me nso mene mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne nti mabɔ mo mprɛnson.


ɛnneɛ mede abufuhyeɛ ne mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mprɛnson.


Ɛte sɛdeɛ obi dwane firi gyata anim na osisire hyia no, na ɔba efie na ɔde ne nsa twere ɔfasuo na ɔwɔ ka no.


Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akɔduru Dibon; yɛasɛe wɔn akɔfa Nofa de akɔduru Medeba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios