Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 13:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 wɔn agyan bɛbobɔ mmeranteɛ, wɔn yam nhyehye wɔn ɔyafunum mma mpo ho, na wɔn ani nhunu mmɔfra mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 wɔn agyan bɛbobɔ mmeranteɛ, wɔn yam nhyehye wɔn ɔyafunum mma mpo ho, na wɔn ani nhunu mmɔfra mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔn tadua bɛbobɔ mmerante ahwehwe fam; wɔrenhu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehye mma mmofra.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam; wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 wɔn mmɛmma bɛbobɔ mmerante, wɔn yam renhyehye wɔn ɔyafunum mma po ho, na wɔn aniwa renkyɛe mmofra so.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 13:18
18 Referencias Cruzadas  

Na Hasael bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura resu? Na ɔse: Ɛfiri sɛ menim bɔne a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wɔn nkuro a ɛyɛ den no, wobɛtoto mu gya, na wode nkrantɛ bɛkunkum wɔn mmeranteɛ, na woatete wɔn nkɔkoaa ahwehwe fam, na woapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.


Na ɔyii Kaldeafoɔ hene no baa wɔn so, na ɔde nkrantɛ bɛkunkumm wɔn mmeranteɛ, wɔ wɔn kronkronbea fie, na wanni aberanteɛ ne ababaa, akɔkoraa ne deɛ wafu dwono ho adɔna, ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.


Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.


na wɔbɛposa wɔn mmotafowa, wɔ wɔn anim, wɔbɛfomfom wɔn afie afa, na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa.


Na nnoɔma mmienu yi bɛba wo so amonom, da koro, abawuo ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ama no aduru pɛ, wo ntafowayie dodoɔ ne wo nkaberɛkyekyerɛ a ano yɛ den no nyinaa akyiri.


Wɔn agyan ano yɛ hwerɛmhwerɛm, na wɔn tadua nyinaa akuntunkuntunu; wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twerɛboɔ, na wɔn nteaseɛnam nante sɛ kyinhyia mframa.


Enti yiyi wɔn mma ma ɛkɔm, na yi wɔn to afena ano, na wɔn yerenom nni mmasugya na wɔnnanedane akunafoɔ, na owuyadeɛ nkum wɔn mmarima, na wɔmfa afena nkum wɔn mmeranteɛ ɛdɔm ano.


Wɔn agyan kotokuo te sɛ damena a ano da hɔ, wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.


Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ ne mmorɔno so, na n’akofoɔ nyinaa bɛdwerɛ ɛda no, AWURADE asɛm nie.


Wɔkurakura tadua ne pɛmɛ; wɔn ho yɛ den, na wɔnhunu mmɔbɔ; wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo, na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofoɔ, atu wo, Babel babaa, so sa.


na mede wo mebobɔ ɔbarima ne ɔbaa, na mede wo mebobɔ akɔkoraa ne abɔfra, na mede wo mebobɔ aberanteɛ ne ababaa;


wɔkurakura tadua ne pɛmɛ, wɔn tirim yɛ den na wɔnni atimmɔborɔ; wɔn nne te sɛ ɛpo huuyɛ, na wɔtete apɔnkɔ so; wɔamia sɛ akofoɔ, sɛ wɔne wo, Sion babaa, rebɛko.


Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi.


Na hwɛ, aboa foforɔ a ɔtɔ so mmienu te sɛ sisire na ɔgyinaa hɔ tɔ kɔɔ ɔfa baako so, na mpadeɛ mmiɛnsa hyɛ n’anomu ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!


Samaria tiri ato, sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua; afena ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.


Ninewe, deɛ ɔbɔ pete no reforo aba wo so. Sra nsraban a emu yɛ den, wɛn ɔkwan, bɔ abɔsoɔ, hyɛ w’ahoɔden mu den yie.


Yei nyinaa akyi no, wɔfaa no kɔɔ nnommum mu, ne mmotafowa nso, wɔde wɔn abobɔ mmorɔno nyinaa ntweaso akunkum wɔn, na wɔtwee n’animuonyamfoɔ so ntonto, na wɔguu ne nnipa akɛseɛ nyinaa mpokyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios