Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 13:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔbɛdanedane wɔn ho akɔ wɔn nkurɔfoɔ nkyɛn na wɔadwanedwane akɔ wɔn nsase so sɛ ɔwansane a wɔatutu no, ne nnwan a obi mmoa wɔn ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔbɛdanedane wɔn ho akɔ wɔn nkurɔfoɔ nkyɛn na wɔadwanedwane akɔ wɔn nsase so sɛ ɔwansane a wɔatutu no, ne nnwan a obi mmoa wɔn ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Te sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo rehwehwɛ no akum no, te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo, obiara bɛkɔ ne nkurɔfo mu, obiara beguan akɔ nʼasase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane, anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan, saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ. Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔbɛdannan wɔn ho akokɔ wɔn nkurɔfo nkyɛn, na wɔaguanguan akokɔ wɔn nsaase so sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo taa no, ne nguan a obi mmoa wɔn ano.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 13:14
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔse: Mahunu Israel nyinaa sɛ wɔahwete mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ, na AWURADE se: Yeinom nni wura, ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu.


Montwa ogufoɔ mfiri Babel, ne deɛ ɔsɔ kantankrankyi mu twaberɛ mu no. Atirimuɔden afena no anim na wɔbɛdanedane akɔ wɔn manfoɔ mu, na wɔadwanedwane akɔ wɔn asase so.


Na wɔpae faa nsraban no mu owiatɔ berɛ sɛ: Obiara nkɔ ne kurom ne n’asase so.


Anka yɛresa Babel yadeɛ, nanso ansa. Monnya no mma yɛnkɔ yɛn nsase so, na n’atemmuo akɔduru ɔsoro, na wɔama so de akɔduru wiem tɔnn.


Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama woɔ; wɔn a wo ne wɔn ananteɛ firi wo mmɔfraase no, wɔbɛyera akɔ wɔn fam; obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo nkwa.


Aman a wɔyɛ hoo sɛ nsuo bebree hooyɛ, nanso ɔka wɔn anim ma wɔdwane kɔ akyirikyiri, na wɔti wɔn sɛ mmepɔ so ntɛtɛ, mframa anim, ne nkyinhyia mfuturo ahum anim.


Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.


Na Yesu sii fam no, ɔhunuu nkurɔfokuo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ; na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii.


Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.


ɛfiri sɛ mfena ano na wɔredwane, afena a wɔatwe ne tadua a wɔapono ne ɔko denden ano.


Na ɛbɛba sɛ, sɛ mfirinhyia aduɔson wie duru a, mɛba mabɛtua Babel hene ne ɔman no, Kaldeafoɔ asase no amumuyɛ so ka, na madane no daa amamfo, AWURADE na ɔseɛ.


W’ahwɛfoɔ afa mu adeda, O Asiriahene, w’animuonyamfoɔ deda hɔ; wɔabɔ wo man apete mmepɔ so, na ɔnoboafoɔ nni hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios