Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 13:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Enti mɛma ɔsoro awoso, na asase ahinhim afiri ne sibea, asafo AWURADE abufuferɛ no ano ne n’abufuhyeɛ da no nti.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Enti mɛma ɔsoro awoso, na asase ahinhim afiri ne sibea, asafo AWURADE abufuferɛ no ano ne n’abufuhyeɛ da no nti.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Enti mɛma ɔsoro awosow; na asase ahinhim wɔ ne sibea wɔ Asafo Awurade abufuwhyew ano nʼabufuwhyewda no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Enti mɛma ɔsoro awoso; na asase ahinhim wɔ ne siberɛ wɔ Asafo Awurade abufuhyeɛ ano, nʼabufuhyeɛ da no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Enti mɛma ɔsoro awosow, na asase ahinhim afi ne sibea, asafo AWURADE abufufa no ano ne n’abufuhyew da no nti.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 13:13
27 Referencias Cruzadas  

Ɔwoso asase firi n’atenaeɛ, na ne nnyinasoɔ popo.


Ɛnna asase hinhimiiɛ na ɛwosoeɛ, na mmepɔ nnyinasoɔ popoe, na ɛhinhimii, ɛfiri sɛ na ne bo ahuru no.


W’abufuo abu afa me so, wo ho hu atware me;


Na wɔbɛhyɛne abotan ntokuro ne fam amena mu, afiri AWURADE ho hu anim ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.


Mpoano serɛ ho atemmusɛm nie: Sɛdeɛ ahum tutu firi Negeb ba no, saa ara na ɛfiri serɛ soɔ, ɛfiri asase a ɛso yɛ hu so ba.


Watene ne nsa akyerɛ po so, wawoso ahennie ahodoɔ, AWURADE ahyɛ Kanaan ho mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛseɛ.


Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama no ada mpan, na wadane ani abutu, na wabɔ ɛsofoɔ apete,


na deɛ ɔdwane firi ehu nkateɛ ho no bɛtɔ eku mu, na deɛ ɔforo firi eku no mu no, wɔde fidie bɛyi no. Na wɔhinihini soro mpomma, na asase nnyinasoɔ wosowoso.


Dwirie na asase dwirie, paeɛ na asase paeɛ, popoɔ na asase popoɔ.


Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ, na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no.


Siane, na tena mfuturo mu, O ababaa, Babel babaa, tena fam, a ahennwa bi nni hɔ O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio.


Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asase asu sɛ atadeɛ, na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ rensa da.


Asafo AWURADE abufuhyeɛ nti na asase no ahye tumm, na ɔman no ayɛ sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya; obi nkora ne nua.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ merehwanyan ɔsɛefoɔ honhom atia Babel ne wɔn a wɔtete nnipa a wɔne me anya no mu,


Ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na monhunu sɛ ɔyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yea, a aka me yi, a AWURADE de aho me werɛ n’abufuhyeɛ da no!


Na AWURADE firi Sion bobom na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowoso; nanso AWURADE yɛ dwanekɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.


Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.


Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.


Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios