Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 11:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnna ɛserɛ so kraman ne odwanten ba bɛtena, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwie ba ne gyata ba ne nantwie a wadorɔ bɛtena faako, na abɔfra ketewa aka wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛnna ɛserɛ so kraman ne odwanten ba bɛtena, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwie ba ne gyata ba ne nantwie a wadorɔ bɛtena faako, na abɔfra ketewa aka wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Pataku ne oguamma bɛtena, ɔsebɔ ne abirekyi bɛda, nantwi ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu; na abofra ketewa bi adi wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Pataku ne odwammaa bɛtena, ɔsebɔ ne abirekyie bɛda, nantwie ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu; na abɔfra ketewa bi adi wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtena, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtena faako, na abofra ketewa aka wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 11:6
15 Referencias Cruzadas  

Ɛfiri sɛ wo ne wiram aboɔ mpo bɛyɛ apam, na wiram mmoadoma bɛdwo ama wo.


Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ, ne wɔn mpea ayɛ aderɛ. Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ, na wɔrensua akodie bio.


Pataku ne odwammaa bɛdidi faako, na gyata awe wira sɛ nantwie; na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane; wɔrempira, na wɔrensɛe adeɛ bio, wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so, AWURADE na ɔseɛ.


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, na mahye mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena ɛserɛ so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwaeɛ mu.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios