Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 10:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na me nsa aka aman no ahonyadeɛ sɛ pirebuo; na sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya no, sɛdeɛ me nso mɛtase asase nyinaa ne no, na obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban anaasɛ ɔtrɛɛ n’anomu anaasɛ ɔsuu twee twee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na me nsa aka aman no ahonyadeɛ sɛ pirebuo; na sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya no, sɛdeɛ me nso mɛtase asase nyinaa ne no, na obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban anaasɛ ɔtrɛɛ n’anomu anaasɛ ɔsuu twee twee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛnea obi teɛ ne nsa hyɛ berebuw mu no, saa ara nso na mɛteɛ me nsa wɔ amanaman no ahonyade so; sɛnea wɔtase nkesua a wɔagyaw hɔ no, saa ara na mɛboaboa amanaman no nyinaa ano; obiara ammɔ ne ntaban mu, na wammue nʼano ansu.’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no, saa ara nso na mɛtene me nsa wɔ amanaman no ahonyadeɛ so; sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya hɔ no saa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano; obiara ammɔ ne ntaban mu, na wammue nʼano ansu.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na me nsa aka aman no ahonyade sɛ berebuw; ne ɔman no agyapade na sɛ wɔtase nkesua a wɔagyaw no, sɛ me nso matase asase nyinaa ne no, obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban anaasɛ ɔtɛɛ n’anom anaasɛ osui twee twee.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 10:14
14 Referencias Cruzadas  

Monnya nhunuu deɛ me ne m’agyanom ayeyɛ nsase so amanaman nyinaa no? Nsase so amanaman no anyame atumi agye wɔn nsase no me nsam anaa?


na sɛ m’ani gyee sɛ m’ahodeɛ dɔɔso, ne sɛ me nsa aka adeɛ bebree,


Deɛ ɛdi ɔsɛeɛ anim ne sɛ ɔbarima akoma a ɛma ne ho soɔ, na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.


ɔde abufuhyeɛ bobɔɔ aman ɔbɔ a ɛnnyaeɛ, ɔde abufuo hom amanaman so hyɛɛ wɔn ahometeɛ a emu ngoɔ.


Me na matutu mmura manom emu nsuo, na mede me nammuromu wee Misraim nsubɔntene nyinaa.


Wɔnnue, wɔn a wɔde ɛdan toa ɛdan soɔ, wɔn a wɔde afuo ka afuo ho kɔsi sɛ ɛkwan biara nni hɔ bio, na mo nko ara motena asase no soɔ.


W’ahodwire ne w’akoma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuro mu, wo a wote nkokoɔ a ɛkorɔn soɔ; sɛ woyɛ wo buo sorosoro sɛ ɔkɔdeɛ mpo a, ɛhɔ ara na mɛyi wo afiri asi fam, AWURADE asɛm nie.


Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate.


Sɛ wotu kɔ soro sɛ ɔkɔdeɛ, na sɛ wode wo pirebuo si nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛduru abɛfa wo afiri, AWURADE asɛm nie.


Momfom dwetɛ, momfom sika! Na ahonyadeɛ no nni awieeɛ, nnwinneɛ afɛfɛ ahodoɔ nyinaa dodoɔ yɛ duru.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios