Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Wɔde atemmuo bɛgye Sion, na wɔde tenenee agye ne mma a wɔanu wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Wɔde atemmuo bɛgye Sion, na wɔde tenenee agye ne mma a wɔanu wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Wɔde atɛntrenee begye Sion bio, na wɔn a wonu wɔn ho no, wɔde trenee begye wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Wɔde atɛntenenee bɛgye Sion bio, na wɔn a wɔnu wɔn ho no, wɔde tenenee bɛgye wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Wɔde atemmu begye Sion, na wɔde trenee agye ne mma a wɔsan ba.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:27
18 Referencias Cruzadas  

Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba, na wɔde nnwontoɔ aba Sion; na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.


Gyata biara remma hɔ, na aboa adufudepɛfoɔ biara rensi so; wɔrenhunu bi wɔ hɔ, wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa soɔ.


na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu, na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.


Me nkurɔfoɔ, montie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmuo atim hɔ ayɛ aman hann.


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔantɔn mo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye mo.


Tenenee mu na w’ase bɛtim; wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛtwe, na worensuro, na wo ne ahudeɛ nso ntam bɛtwe, na ɛremmɛn wo.


Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ɔman kronkron, wɔn a AWURADE agye wɔn, na wo nso, wɔbɛfrɛ wo Deɛ wɔahwehwɛ n’akyiri kwan, kuro a wɔannyaa no.


Na aweretɔ da bi wɔ m’akoma mu, na me gyeɛ afe no aba.


Na mɛgye wo aware mafa akɔsi daa, na mɛgye wo aware mafa, tenenee ne atemmuo so, ne adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so,


Me man, kae agyina a Moabhene Balak tuiɛ, ne deɛ Beor ba Bileam de buaa no, ɛfiri Sitim kɔduru Gilgal, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na woahunu AWURADE nsɛntenenee no.


Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios