Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Mo asrane foforɔ ne mo afahyɛ no, me kra kyi; abɛyɛ adesoa ama me, mabrɛ wɔ ne soa ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Mo asrane foforɔ ne mo afahyɛ no, me kra kyi; abɛyɛ adesoa ama me, mabrɛ wɔ ne soa ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Mo ɔsram foforo afahyɛ ne mo aponto a moahyehyɛ, me kra kyi. Ayɛ adesoa ama me; masoa abrɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Mo bosome foforɔ afahyɛ ne mo apontoɔ a moahyehyɛ no, me kra kyiri. Ayɛ adesoa ama me; masoa mabrɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Mo asram foforo ne mo afahyɛ no, me kra kyi; ɛyɛ me ɔhaw, emu kura afono me.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:14
13 Referencias Cruzadas  

na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nyinaa mma AWURADE, homeda ne bosome foforɔ ne afahyɛ mu, ne dodoɔ mu sɛdeɛ n’atorɔmuadeɛ teɛ daa, AWURADE anim,


Due, Ariel, Ariel, kuro a Dawid bɛtenaa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia.


Na mɛma Ariel ho akyere no, na abooboodie ne abubuo bɔ aba, na adane me sɛ Ariel


woamfa sika antɔ ahwedeɛ amma me, na woamma w’afɔdeɛ sradeɛ ammee me, na mmom wode wo bɔne yɛɛ me adesoa, na wode w’amumuyɛ maa mebrɛe.


Na me, AWURADE, medɔ atemmuo, mekyiri atirimuɔden ne adwotwa, na mɛtua wɔn ka nokorɛ mu, na me ne wɔn apam daa apam.


Na ɛbɛba sɛ ɔsrane foforɔ biara ne homeda biara honam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, AWURADE na ɔseɛ.


Ɛnna ɔse: Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso?


Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.


Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafoɔ mma. Afei bosome foforɔ bɛmene wɔn ne wɔn nsase.


Hwɛ, me ara mɛnyema mo akɔ fam, sɛdeɛ teaseɛnam a ayuo afiafi ayɛ no ma nyema no.


Metane na mepo mo nnapɔnna, na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.


Na metwaa nnwanhwɛfoɔ no mu baasa twenee wɔ bosome baako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahomete, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwunu.


Mode mo nsɛm hyɛ AWURADE brɛ. Nanso moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ mobisa sɛ: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ wɔ AWURADE anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmuo Nyankopɔn no wɔ he?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios