Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 5:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na gyidie mpaebɔ bɛgye ɔyarefoɔ no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na gyidie mpaebɔ bɛgye ɔyarefoɔ no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Sɛ wɔbɔ saa mpae no gyidi mu a, ɛbɛsa ɔyarefo no yare, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Sɛ wɔbɔ saa mpaeɛ no gyidie mu a, ɛbɛsa ɔyarefoɔ no yadeɛ, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bekyɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 5:15
18 Referencias Cruzadas  

Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn.


Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ mo gyidie sua; na nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tu firi ha kɔ nohoa, na ɛbɛtu, na anka biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.


Yei akyiri no, Yesu hunuu no asɔrefie, na ɔsee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na deɛ ɛyɛ bɔne sene yei anyɛ wo.


Na yei ne deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, sɛ deɛ ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manyane no ɛda a ɛdi akyire no.


Na wiase amfa nyansa so anhunu Onyankopɔn wɔ Nyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so bɛgye wɔn a wɔgye die no nkwa.


na yɛnim sɛ, deɛ ɔnyanee Awurade Yesu no bɛnyane yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ.


Na gyidie mu na ma no mmisa, na ɔnnnye biribiara ho kyim, ɛfiri sɛ deɛ ɔgye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkyeɛ a mframa rebɔ de no redi akɔneaba.


Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.


Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.


ma no nhunu sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛni firi ne mfomsoɔ kwan soɔ no, bɛgye ne kra afiri owuo mu, na wakata bɔne pii so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios