Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 5:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Mo mu bi yare anaa? Ma no mfrɛ asafo no mu mpanimfoɔ, na wɔmmɛbɔ ne so mpaeɛ, na wɔnsra no ngo Awurade din mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Mo mu bi yare anaa? Ma no mfrɛ asafo no mu mpanimfoɔ, na wɔmmɛbɔ ne so mpaeɛ, na wɔnsra no ngo Awurade din mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Mo mu bi yare ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanyimfo na wɔde Awurade din bɔ mpae ma no na wɔsra no ngo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Mo mu bi yare anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanimfoɔ na wɔde Awurade din bɔ mpaeɛ ma no na wɔsra no ngo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo Awurade din mu.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 5:14
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔtenee ne mu butuu abɔfra no so mprɛnsa, na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ma abɔfra yi kra nsane mmra ne mu.


Ɛnna ɔkɔɔ mu, na ɔtoo wɔn baanu pono mu, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ.


Ɛnna Naaman bo fuiɛ, na ɔsii mu kɔe, kaa sɛ: Hwɛ, mesusuu sɛ: Fire na ɔbɛfiri aba abɛgyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no.


wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.


Na wɔtutuu ahonhommɔne bebree, na wɔde ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ.


Wɔyɛɛ saa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa mpanimfoɔ no.


Na wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpaeɛ no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adie no nsa.


Na wɔduruu Yerusalem no, asafo no ne asomafoɔ ne mpanimfoɔ no gyee wɔn, na wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn.


Na ɛbaa sɛ na Publio n’agya da hɔ yare huraeɛ ne konkurowa; enti Paulo kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbɔɔ mpaeɛ, de ne nsa guu ne so saa no yadeɛ.


Na Petro pamoo wɔn nyinaa firii adie no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ amu no, na ɔse: Tabita, sɔre! Na ɔtee n’ani, na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.


Yei nti na megyaa wo Kreta, na woasiesie nnoɔma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kuro biara so mpanimfoɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios