Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 3:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ɛhia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ɛhia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ma yɛn nkurɔfo no nsua sɛnea wɔde wɔn adagyew yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua sɛdeɛ wɔde wɔn adagyeɛ yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na ma yɛn nkurofo no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ehia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Tito 3:14
21 Referencias Cruzadas  

menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.


Na ɔhunuu borɔdɔma bi kwan so no, ɔkɔɔ ho, na wanhunu hwee wɔ so sɛ ahahan nko ara. Na ɔsee no sɛ: Worenso aba bio ara da! Na amonom hɔ ara na borɔdɔma no poeɛ.


Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa, na wɔde gu gya mu.


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ.


na ɛnam sɛ ɔne wɔn yɛ adwuma baako nti, ɔtenaa wɔn nkyɛn yɛɛ adwuma; ɛfiri sɛ wɔyɛ ntomadanyɛfoɔ.


Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.


Momma ahotefoɔ hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!


Enti menya mewie adeɛ yi yɛ, na mede akyɛdeɛ no mema wɔn a, mɛfa mo nkyɛn makɔ Spania.


Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia.


na tenenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.


Na Tesalonika nso mosomaa prɛko ne ne mprenu so de deɛ ɛhia me brɛɛ me.


Ɛnyɛ sɛ merehwehwɛ akyɛdeɛ, na mmom merehwehwɛ aba a ɛma mo nkonta dɔɔso.


na moanante sɛdeɛ ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moaso adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyini akɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ mu.


Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.


nanso yɛanni obiara aduane kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara;


asɛmpa a ɛyɛ a wɔnnya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛn anya no afɛre, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn ho bɔne biara ka.


Ɛyɛ nokwasɛm, na yeinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no adwene sɛdeɛ wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom ne deɛ ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfasoɔ ma onipa.


Na sɛ yeinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafoɔ ne wɔn a wɔnso aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios