Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 2:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Yeinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho foɔ, na yi ho atɛn. Mma obi mmmu wo animtia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Yeinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho foɔ, na yi ho atɛn. Mma obi mmmu wo animtia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefo nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmmu wo abomfiaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefoɔ nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmu wo abomfiaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Eyinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho fo, na yi ho ntɛn. Mma obi mmmu wo animtiaa.

Ver Capítulo Copiar




Tito 2:15
10 Referencias Cruzadas  

ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Atwerɛfoɔ no.


Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ Atwerɛfoɔ no!


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri maa wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforɔ! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi mpo na wɔtie no.


Na wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wɔfiri adi yi?


Ɛno nti obiara mmmu no animtia, na monnya no kwan asomdwoeɛ mu, na ɔmmra me nkyɛn; na meretwɛn no ne anuanom no.


Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn atɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro.


Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.


Adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Ɛno nti yi wɔn atɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidie mu,


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios