Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 9:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Asafo AWURADE bɛwa wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ntɔmmoɔ mu aboɔ so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ koraa, sɛ afɔrebukyia ntweaso.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Asafo AWURADE bɛwa wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ntɔmmoɔ mu aboɔ so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ koraa, sɛ afɔrebukyia ntweaso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Asafo Awurade bɛkata wɔn so. Wɔde ahwimmo bɛsɛe na wɔde adi nkonim. Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛnea wɔanom nsa; wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a wɔde pete afɔremuka ntwea so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Asafo Awurade bɛyɛ ɛkyɛm ama wɔn. Wɔde ahwimmoɔ bɛsɛe na wɔde adi nkonim. Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛdeɛ wɔanom nsã; wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a wɔde pete afɔrebukyia ntweaso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Asafo Awurade bɛwaw wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ataabo mu abo so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ kora, sɛ afɔremuka ntwea.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 9:15
25 Referencias Cruzadas  

agyan nka no ngu, ntɔmmoɔ mu aboɔ yɛ no sɛ nkyɛnkyɛmma;


Na AWURADE nyanee sɛ obi a ɔfiri nna mu, sɛ ɔkatakyie a nsa ma no huro,


Na yɛ ne mmɛn sisi ne ntwea nnan so. Emu ara na ne mmɛn no mfire, na fa kɔbere mfrafraeɛ dura ho.


Twe me di w’akyi! Ma yɛnka yɛn ho nkɔ. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Tenenee so na wɔdɔ woɔ.


Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ, meretete me kurobo ne m’aduhwam, meredi me woɔkyɛm ne me woɔ, merenom me nsa ne me nufosuo. Nnamfonom, monnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


na wo mfeano te sɛ bobesa pa! a ɛfa menemu mu bɔkɔɔ, a ɛnam anofafa ne ɛse so nam kɔ mu yɔɔ.


Na mɛwa kuro yi agye no, me ara ne m’akoa Dawid ntira.


Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.


na ɔmfa mogya no bi nkeka afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no mu, no mmɛn ho, na ɔnhwie mogya no nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛsi ahyiaeɛ ntomadan ano no ase.


Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mfa bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie ne mogya no ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase.


Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no bi nkeka aduhwamhyeɛ bukyia a ɛwɔ AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan mu no mmɛn ho, na ɔnhwie nantwie no mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan ano no ase.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu mmoa mu gyata, amanaman mu, aman bebree mu, sɛ nnwan akuakuo mu gyataburuwa a ɔsene ba a ɔtiatia soɔ na ɔtete mu a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so dɔteɛ soɔ ɔko mu, na wɔbɛdi ako; ɛfiri sɛ AWURADE ne wɔn na ɛwɔ hɔ, na apɔnkɔsotefoɔ anim bɛgu ase.


Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso bɛhunu na wɔn ani agye, na wɔn akoma adi AWURADE mu ahurisie.


Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara.


Ɛda no, AWURADE bɛwowa Yerusalemfoɔ, na wɔn mu deɛ ɔyɛ mmerɛ no, ɛda no ɔbɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fie bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ AWURADE bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim.


Ɛda no wɔbɛtwerɛ apɔnkɔ nnawa so sɛ: “KRONKRON MA AWURADE”! Na AWURADE fie nkukuo no bɛyɛ sɛ afɔrebukyia no anim nkoraa no;


Na AWURADE bɛfiri adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne ko da no.


Na hwɛ, wɔn so na mɛhwim me nsa na wɔadanedane fomfa adeɛ ama wɔn nkoa, na moahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me.


Na ne yie ne sɛn, na n’ahoɔfɛ ne sɛn? Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ tokotokoo na nsamono nso ama mmabaa ayɛ saa ara.


Na asɛnnua no ho asɛm yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi.


Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo deɛ, wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woatwa wɔn poa no Nyankopɔn din na mereba wo so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios