Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 8:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Nea Asafo Awurade se ni: “Nna no mu, nnipa du a wɔka kasa ahorow na wofi aman ahorow so bɛba abeso Yudani atade mmuano mu, na wɔbɛka se, ‘Wo ne yɛn nkɔ, efisɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka wo ho.’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nna no mu, nnipa edu a wɔka kasa ahodoɔ na wɔfiri aman ahodoɔ so bɛba abɛsɔ Yudani atadeɛ mmuano mu na wɔbɛka sɛ, ‘Wo ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka wo ho.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Sɛ asafo AWURADE se ni: Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ: Onyankopɔn ne mo na ɛte.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 8:23
35 Referencias Cruzadas  

Saa na medii wo fie mfirinhyia aduonu. Wo mmammaa baanu ho mesom wo mfeɛ dunan, ne wo mmoakuo ho nso mfeɛ nsia, na wodanee m’akatua ani mprɛdu.


na mo agya asisi me, adane m’akatua ani mprɛdu; nanso Onyankopɔn amma no kwan amma no anyɛ me bɔne biara.


Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, AWURADE asoma me Yordan ano. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔn baanu no kɔe.


Ɛnna honhom kaa Amasai, aduasa no mu otitire, na ɔkaa sɛ: Yɛyɛ wo dea, O Dawid; na yɛwɔ w’afa, O Yisai ba! Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka wo, na asomdwoeɛ nka w’aboafoɔ, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn boa wo. Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitire.


Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase ne Simeon, ba bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wɔhunuu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyire nti, nnipa pii wae firii Israel baa ne fam.


Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.


Mprɛdu nie a moasopa me, mo ani nwu mpo sɛ moho me werɛ?


Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo, na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ.


Sɛ obi sɔ ne nua mu, ne nua a ɔfiri n’agya fie mu sɛ: Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn panin, na di yɛn so ahokyere berɛ yi mu,


Na mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane, na yɛahyɛ yɛn ara yɛn ntadeɛ, ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so, na yi yɛn aniwuo firi yɛn so.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Misraim adwumadeɛ ne Etiopia adwadeɛ a wɔnyaeɛ, ne Sebafoɔ, mmarima atentene no, bɛsene aba wo nkyɛn ne wo abɛtena, wɔbɛdi w’akyi; nkyehoma mu na wɔbɛsene aba, abɛsɔre woɔ, na wɔabɔ wo mpaeɛ sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni baabi.


Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara na tenenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu.


Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wonni wɔn aba, na aman a wɔnni woɔ no de mmirika bɛba wo nkyɛn, AWURADE wo Nyankopɔn nti ne Israel Kronkronni no nti, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.


Na wo nhyɛsofoɔ mma de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn, na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa bɛba abɛbum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro, Israel Kronkronni no Sion.


Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho.


Na menim wɔn nneyɛɛ ne wɔn adwene, na ɛbɛba sɛ mɛboa amanaman ne kasa ahodoɔ nyinaa ano, na wɔaba abɛhunu m’animuonyam.


Na oyi bɛyɛ asomdwoeɛ. Sɛ Asiria ba yɛn asase so na ɔtiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yɛbɛsisi ahwɛfoɔ baason, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.


Hwɛ, me ne w’ahafoɔ nyinaa bɛdi, ɛberɛ no mu, na mɛgye asiiɛfoɔ no, na matase wɔn a wɔapam wɔn no; mɛma wɔanya animuonyam ne din wɔ asase a wɔn anim agu ase nyinaa so.


mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,


bɛfirii n’akyi bɛkaa n’atadeɛ ano nnwo, na amonom hɔ ara ne mogyaguo no twae.


na ɛmaa wɔde ne ho nnuku anaa nsɛnanimu mpo bɛguu ayarefoɔ so, na nyarewa no firii wɔn so, na ahonhommɔne firii wɔn mu.


na n’akoma mu ahuntasɛm ada adi, na ɔde saa akoto, de n’anim abutu fam, asɔre Onyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.


Deɛ Mose hyɛeɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a Yosua ankenkan no Israel dwabɔ nyinaa ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhɔhoɔ a ɔnam wɔn mu no anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios