Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 8:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Metwe Sion ho ninkunu kɛseɛ, na anibereɛ kɛseɛ na mede metwe ne ho ninkunu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Metwe Sion ho ninkunu kɛseɛ, na anibereɛ kɛseɛ na mede metwe ne ho ninkunu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Metwe Sion ho ninkunu pa ara; metwe ne ho ninkunu anibere so.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Metwe Sion ho ninkunu pa ara; metwe ne ho ninkunu anibereɛ so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ asafo AWURADE se ni: Metwe Sion ho ninkunu kɛse, [na anibere kɛse na mede metwe ne ho ninkunu].

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 8:2
12 Referencias Cruzadas  

Na Manasefoɔ mu binom nso wae bɛdɔmm Dawid berɛ a na ɔne Filistifoɔ rebɛne Saulo ako no. (Na wammoa Filistifoɔ no, ɛfiri sɛ Filistifoɔ mmapɔmma kɔɔ agyina gyaa no kwan sɛ: Yɛn tiri na ɔde bɛwae akɔ ne wura Saulo nkyɛn.)


Na ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, na nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ hyɛɛ ne ti, na ɔhyɛɛ aweretɔ atadeɛ kataa ne ho, na ɔfiraa aweretɔ sɛ ntoma.


Brɛ w’ani ase firi soro, na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ? W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no afiri me ho.


Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu, na ɔhunuu ne man mmɔbɔ.


Onyankopɔn yɛ ninkufoɔ, AWURADE ne weretɔfoɔ. Ampa ara, AWURADE tɔ were, na abufuo tumi hyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiahiafoɔ so were, na n’abufuo wɔ hɔ ma n’atamfo.


Hwan na ɔbɛgyina n’abohuro anim, na hwan na ɔbɛsɔre atia n’abufuo no? N’anibereɛ hwie sɛ ogya, na abotan bubu n’anim.


Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios