Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 8:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bosome a ɛtɔ so nnan, nnum, nson ne du mu akɔnkyene bɛyɛ Yuda fie ahosɛpɛ, anigyeɛ ne afahyɛ pa; na nokorɛ ne asomdwoeɛ nko na mompɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bosome a ɛtɔ so nnan, nnum, nson ne du mu akɔnkyene bɛyɛ Yuda fie ahosɛpɛ, anigyeɛ ne afahyɛ pa; na nokorɛ ne asomdwoeɛ nko na mompɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Nea Asafo Awurade se ni: “Asram anan, anum, ason ne du mu mmuadadi no bɛyɛ anigye ne ahosɛpɛwmmere, na ɛbɛyɛ anigye afahyɛ ama Yuda. Enti monnɔ nokware ne asomdwoe.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Abosome ɛnan, enum, nson ne edu mu mmuadadie no bɛyɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmerɛ, na ɛbɛyɛ anigyeɛ afahyɛ ama Yuda. Enti monnɔ nokorɛ ne asomdwoeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɔsram a ɛto so anan ne anum mu ne nea ɛto so ason mu ne nea ɛto so du mu akɔnkyen bɛyɛ Yuda fi ahosɛpɛw ne anigye ne afahyɛ pa; na nokware ne asomdwoe nko no mompɛ.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 8:19
27 Referencias Cruzadas  

Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho pie hyiae.


Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ahemfo abusua mu bae, na mmarima du ka ne ho, na wɔbɛkum Gedalia ne Yudafoɔ ne Kaldeafoɔ a wɔka ne ho Mispa no nso.


Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.


sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.


Woama m’abooboo adane me asa, woasane me ho ayitoma, na wode anigyeɛ abɔ me abɔsoɔ,


AWURADE ani wɔ ateneneefoɔ so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.


Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ.


Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba, na wɔde nnwontoɔ aba Sion; na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.


Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane, na wɔde ahurisie aba Sion, na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.


Enti wo deɛ, kɔ na kɔkenkan AWURADE nsɛm a woatwerɛ afiri m’anomu no, mmobɔeɛ no mu, gu ɔman no aso mu, AWURADE fie, mmuada da no, na kenkan gu Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so ba no nyinaa aso mu nso.


Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron mu na wɔburii kuro no,


Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar, ɔno ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho epie hyiae.


na ɔmmɔ bosea na ɔnnye nsiho, na ɔtwe ne nsa firi abusudeɛ ho, na ɔbu onipa ne onipa ntam atɛntenenee,


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no sɛ:


na wɔmmisa asafo AWURADE fie asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Mensu bosome a ɛtɔ so nnum no so, na menkyere kɔm, sɛdeɛ meyɛɛ no mfeɛ dodoɔ a ɛte sɛɛ yi anaa?


Bisa asase no so nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ: Mokyenee kɔm na modii abooboo, bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson so, mfeɛ aduɔson yi no, akɔnkyene yi, moyɛ maa me anaa?


Yeinom ne adeɛ a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛ mo ho; nokorɛ ne asomdwoeɛ na momfa mmu atɛn mo nkuro apono mu.


Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso sɛ: Bepɔ kronkron.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios