Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 7:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na me de ahum bɛfa wɔn akɔ amanaman a wɔnni wɔn nyinaa mu, na wɔn akyiri asase no adane afo, na obi ara amfa so ankɔ ansane amma, na wɔama asase fɛfɛ no adane afo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na me de ahum bɛfa wɔn akɔ amanaman a wɔnni wɔn nyinaa mu, na wɔn akyiri asase no adane afo, na obi ara amfa so ankɔ ansane amma, na wɔama asase fɛfɛ no adane afo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 ‘Mede mfɛtɛ bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔho wɔ hɔ. Asase a wogyaw no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sɛɛ na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛee.’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 ‘Mede ntwahoframa bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ hɔ. Asase a wogyaaɛ no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sei na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛeɛ.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na mede ahum mɛfa wɔn akɔ amanaman a wonnim wɔn nyinaa mu, na wɔn akyi asase no adan afo, na obiara amfa so ankɔ ansan amma, na wɔama asase fɛfɛ no adan afo.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 7:14
35 Referencias Cruzadas  

sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kaeɛ no mmra mu, sɛ ɛnkɔsi sɛ asase no ani bɛsɔ ne home mfeɛ no; amamfo nna nyinaa na ɛrehome akɔsi sɛ mfirinhyia aduɔson bɛwie duro.


Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ no nka no, sɛ ɛyɛ mono oo, ɛreben oo, ɔde abufuhyeɛ bɛpra ne nyinaa agu.


Aman a wɔyɛ hoo sɛ nsuo bebree hooyɛ, nanso ɔka wɔn anim ma wɔdwane kɔ akyirikyiri, na wɔti wɔn sɛ mmepɔ so ntɛtɛ, mframa anim, ne nkyinhyia mfuturo ahum anim.


Mpoano serɛ ho atemmusɛm nie: Sɛdeɛ ahum tutu firi Negeb ba no, saa ara na ɛfiri serɛ soɔ, ɛfiri asase a ɛso yɛ hu so ba.


Deɛ anka wɔgya woɔ na wɔtane woɔ na obiara biara mfa wo mu no, mɛma wo ayɛ kɛseɛ, na mayɛ wo awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ anigyedeɛ.


Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba, de abufuhyeɛ abɛtua n’abufuo so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateatea.


Mmoahwɛfoɔ pii asɛe me bobeturo atiatia me kyɛfa so, wɔadane me kyɛfa fɛfɛ no ayɛ no ɛserɛ pataa;


Hwɛ, AWURADE ahum, abufuhyeɛ afiri adi, na ahum a ɛdi kyinhyia no bɛtwa ne ho abɛsi abɔnefoɔ tiri so.


Hwɛ, AWURADE ahum ne abufuhyeɛ retu, ahum a ɛdi kyinhyia ɛbɛsi abɔnefoɔ atifi.


Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: Kɔ na kɔhunta, wo ne Yeremia, na obiara anhunu deɛ mowɔ.


Ɛnna m’anibereɛ ne m’abufuhyeɛ hwie guiɛ, na ɛdɛree Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so maa no danedane asasefo ne amamfo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Hwɛ, mede ɔman bi mefiri akyirikyiri mereba mo so, Israel fie, AWURADE asɛm nie. Ɔman a wɔyɛ ɔmantease, ɔman a wɔfiri teteete, ɔman a wonnim wɔn kasa, na wonte deɛ wɔka no aseɛ.


Nebukadnessar afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no mu no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu Yudafoɔ ahanson aduanan nnum kɔe, nnipa no nyinaa yɛ mpemnan ahansia.


Na ka kyerɛ asase no so aman no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka no Yerusalemfoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ho nie: Wɔde awerɛhoɔ na ɛbɛdi wɔn aduane, na wɔde ahodwirie bɛnom wɔn nsuo, ɛsiane sɛ n’asase adane afo na ne mayɛ abɔ no, ɛsofoɔ nyinaa mmusubɔ no nti.


Na mɛbɔ wo apete amanaman mu, na mapansam wo, nsase so, na mɛhye wo fi no koraa afiri wo ho.


Enti wo mu na agyanom bɛdi mma nam, na mma adi wɔn agyanom nam, na mabu wo mu atɛn, na mabɔ wo nkaeɛ nyinaa apete mframa nyinaa ano.


Na abɛn ketewa baako firi emu baako mu bae, na ɛyɛɛ kɛseɛ boroo so kyerɛɛ anafoɔ fam ne apueeɛ ne asase fɛfɛ no;


Me Nyankopɔn apo wɔn, ɛfiri sɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ abatafoɔ amanaman mu.


Ogya hye di wɔn anim, na ogyaframa tafere di wɔn akyi; wɔn anim asase te sɛ Eden turo, na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada, na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ.


Na mɛsoma wiram mmoa aba mo mu na wɔagye mo nsam mma, na wɔadi mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo.


na mo deɛ, mɛbɔ mo ahwete wiase amanaman mu, na matwe nkrantɛ madi mo akyi, na mo asase bɛda hɔ tuu, na mo nkuro ayɛ akurofo.


na mɛsɔ Raba fasuo mu gya, na ahye n’aban denden no, na wɔbɛte ɔko mu gyegyeegye, na ɔko no bɛyɛ den sɛ ahumtuo da no kirididibɔ mu.


AWURADE bo kyɛre fu, na n’ahoɔden so, na ɔremmu fɔdifoɔ bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.


Wode mpɛmɛ hwire n’akofoɔ tirim, wɔtu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete, wɔn anigyeɛ ne sɛ wɔbɛmene mmɔborɔni ahuntaeɛ mu.


Matwitwa amanaman agu, wɔn abantenten atifi adanedane afo, mama wɔn mmorɔno so adeda mpan a obiara ntwam soɔ, wɔasɛesɛe wɔn nkuro a onipa nni mu, na obiara nte mu.


Huu, huu! Monnwane mfiri atifi fam asase so, AWURADE na ɔseɛ, na matrɛ mo mu sɛ ɔsoro mframa nnan no, AWURADE asɛm nie.


Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na AWURADE bɛyi ne ho adi wɔ wɔn so, na n’agyan afiri adi sɛ ɔsraman; na AWURADE Nyankopɔn bɛhyɛne totorobɛnto, na wanante ahum a ɛtutu anafoɔ fam mu.


W’asase so aba ne w’adwumadeɛ nyinaa, ɔman a wonni wɔn na wɔbɛdie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ woɔ na wɔapɛkyɛ wo, nna nyinaa;


AWURADE de ɔman bi bɛfiri akyirikyiri afiri asase ano aba wo so, ɔherɛ so, sɛdeɛ ɔkɔdeɛ tuo; ɔman a wonte wɔn kasa,


Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;


Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios