Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 6:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na akyirikyirifoɔ bɛba abɛsi AWURADE dan no bi, na moahunu sɛ asafo AWURADE na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ motie AWURADE mo Nyankopɔn a, yei bɛnya aba mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na akyirikyirifoɔ bɛba abɛsi AWURADE dan no bi, na moahunu sɛ asafo AWURADE na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ motie AWURADE mo Nyankopɔn a, yei bɛnya aba mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mubehu sɛ Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ osetie ma Awurade mo Nyankopɔn nokware mu a, eyi bɛba mu.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mobɛhunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ mu a, yei bɛba mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na akyirikyirifo bɛba abesi Awurade dan no bi, na moahu sɛ asafo Awurade na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ mutie Awurade mo Nyankopɔn a, eyi benya aba mu.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 6:15
20 Referencias Cruzadas  

Monka no ɔteneneeni ho sɛ, ɛbɛsi no yie, na wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.


Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba, na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam, na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so.


Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ, na mɛsa no yadeɛ.


Na ananafoɔ bɛto w’afasuo, na wɔn ahemfo asom wo; na m’abufuo mu na mehwee woɔ, na m’adɔeɛyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ.


na mmom asɛm yi ho mmara na mehyɛɛ wɔn sɛ: Montie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na monnante me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yie.


Ma akra nyinaa nyɛ komm, AWURADE anim, ɛfiri sɛ wasɔre wɔ ne tenabea kronkron hɔ.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ wonante m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛdeɛ a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fie nsɛm so na woawɛn m’abannwa nso, na mɛma woanya kwan wɔ yeinom a wɔgyinagyina ha yi ntam.


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no.


Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.


na afei wɔayi no adie, na wɔnam adiyifoɔ twerɛ nsɛm no so ayi no adi akyerɛ amanaman mufoɔ, sɛdeɛ daa Nyankopɔn hyɛ no teɛ, ama ɔsetie a ɛde kɔ gyidie mu,


sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na wodi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no so, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa sane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn a!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios