Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 5:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na mese: Ɛdeɛn nie? Na ɔse: Efa susudeɛ a ɛfiri adie no nie. Na ɔse: Yei ne wɔn ahwɛdeɛ, asase nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na mese: Ɛdeɛn nie? Na ɔse: Efa susudeɛ a ɛfiri adie no nie. Na ɔse: Yei ne wɔn ahwɛdeɛ, asase nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mibisa sɛ “Ɛyɛ dɛn?” Obuae se, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susuw nneɛma.” Ɔtoaa so se, “nnipa a wɔwɔ wiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mebisaa sɛ “Ɛyɛ ɛdeɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susu nneɛma.” Ɔtoaa so sɛ, “nnipa a wɔwɔ ewiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na mise: Ɛdɛn ni? Na ose: Efa a efi adi no ni. Na ose: Eyi ne wɔn ahwɛde, asase nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 5:6
8 Referencias Cruzadas  

nsania tee, abrammoɔ tee, efa tee ne susutoa tee na monkura: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ no.


Montie yei, mo a moregye ahiafoɔ amene sɛ moresɛe asase so amanehunufoɔ,


na mobisa sɛ: Da bɛn na bosome foforɔ bɛtwam na yɛatɔn ayuo, ne homeda, na yɛabue ɛsan ano, na yɛayɛ efa ketewa, na yɛama n’abrammoɔ ayɛ kɛseɛ, na yɛakyea nsania de asisie?


Na yɛama dwetɛ de atɔ mmɔborɔni, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn ayuo ase deɛ ɛguguo no.


Amumuyɛ mu adenya da so wɔ omumuyɛfoɔ fie ne efa a wɔahwan soɔ a wɔadome no?


Na ɛda no, mɛtwe obiara a ɔhuri tra aponnwa aso, wɔn a wɔde ɔhyɛ ne nsisie hyehyɛ wɔn wuranom afie amaama.


Na hwɛ, wɔmaa sumpii boɔ kurukuruwa bi so, na ɔbaa baako a ɔte efa no mu nie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios