Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 4:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Woyɛ dɛn, bepɔw kɛse ana? Serubabel anim no wobɛyɛ asase tamaa. Afei ɔde abo afɛɛfɛ no bɛba abehyia osebɔ se, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Woyɛ ɛdeɛn, Ao bepɔ kɛseɛ? Wobɛyɛ asase tamaa wɔ Serubabel anim. Afei ɔde aboɔ fɛfɛ no bɛba abɛhyia osebɔ sɛ, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Hena ne wo, bepɔw kɛse wobɛdan asasetaw Serubabel anim? Na ɔde atifi bo no befi adi aba, na wɔabobɔ so ose sɛ: Ɔdom, ɔdom mmra so.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 4:7
38 Referencias Cruzadas  

Na abantofoɔ no too AWURADE asɔredan no fapem no, asɔfoɔ a wɔahyehyɛ wɔn ntadeɛ kurakura ntotorobɛnto, ne Lewifoɔ, Asaf mma no, wɔkurakura nnawuro gyinagyina hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛdeɛ Israelhene Dawid hyehyɛeɛ no.


Na nkokoɔ yɛɛ sɛ nnwammaa. Mmepɔ hurihurii sɛ adwennini,


Mo mmepɔ, sɛ morehurihuri sɛ adwennini, na mo nkokoɔ, moreyɛ sɛ nnwammaa yi?


Ɔboɔ a abantofoɔ apa no abɛyɛ tweaso boɔ titire.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion, ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ, tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa, deɛ ɔgye die no rennwane.


Hwɛ, mede wo bɛyɛ ɔporeɛ afidie nnamnnam, foforɔ, anofanu, na woapore mmepɔ ayam wɔn dukuduku, na woayɛ nkokoɔ sɛ ntɛtɛ.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.


Hwɛ, me ne wo anya, bepɔ sɛefoɔ, AWURADE asɛm nie, wo a wosɛe asase nyinaa, wo so na matene me nsa, na mamunimuni wo afiri ɔbotan so, na mayɛ wo bepɔ a ahyeɛ.


Na mmepɔ bɛnanenane wɔ n’ase, na mmonhwa mu apaepae, sɛdeɛ akraa nane wɔ ogya anim no, te sɛ nsuo a wɔahwie agu deɛ ɛhɔ siane.


Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na aman asene yuu aba so.


Ɔgyina hɔ na ɔwoso asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo; daa mmepɔ dwiri, tete nkokoɔ brɛ ase, n’akwan te sɛ tete deɛ no.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Serubabel nsa na ato efie yi fapem, na ne nsa ara na ɛbɛwie, na woahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me mo nkyɛn.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie na monnye akyinnyeɛ a, anka ɛnyɛ borɔdɔma yi deɛ nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! na ɛbɛyɛ.


Yesu see wɔn sɛ: Monkenkanee twerɛ nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ; yei firi Awurade na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so?


Nso monkenkanee atwerɛ yi pɛn, sɛ: Ɛboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ;


Na ɔhwɛɛ wɔn anim kaa sɛ: Na ɛdeɛn ne yei a wɔatwerɛ sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno na abɛyɛ tweaso tiboɔ.


Wɔbɛhyɛ abɔn nyinaa ma, na wɔabrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase; na deɛ akyea no bɛtene, na akwan mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.


Oyi ne ɔboɔ a mo abantofoɔ ammuo no, na abɛdi ntweaso ti.


Na sɛ ɛnam adom so a, na ɛmfiri nnwuma mu bio, ɛfiri sɛ ɛno deɛ, anka adom nyɛ adom bio.


Wɔde mo asi asomafoɔ ne adiyifoɔ fapem a Kristo Yesu no ara ne tweaso tiboɔ titire no so.


Enti mo a mogye no die no, deɛ ɔsom boɔ no yɛ mo dea. Na wɔn a wɔnnye nnie no deɛ, ɔboɔ a abantofoɔ apa no na ayɛ tweaso tiboɔ


Na nsupɔ nyinaa dwanedwanee, na wɔanhunu mmepɔ biara bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios