Sakaria 4:14 - New Revised Asante Twi Bible14 Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron14 Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm14 Nti ɔkae se, “Eyinom ne baanu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a odi wiase nyinaa so no.” Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm14 Nti ɔkaa sɛ, “Yeinom ne mmienu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a ɔdi ewiase nyinaa so.” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON14 Na ose: Eyinom ne nnipa baanu a wasra wɔn ngo na wogyinagyina asase nyinaa wura nkyɛn no. Ver Capítulo |
Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne ɔman Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so.