Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 2:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na ɔbarima bi a susuhoma kura ne nsam nie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na ɔbarima bi a susuhoma kura ne nsam nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei memaa mʼani so, na mihuu ɔbarima bi a okura susuhama sɛ ogyina mʼanim!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei memaa mʼani so, na mehunuu ɔbarima bi a ɔkura susuhoma sɛ ɔgyina mʼanim!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a okura susuhama ne nsam ni.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 2:1
12 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfoɔ a ɔfite gyabidie mu na ɔbɔ akodeɛ sɛdeɛ ne dwuma teɛ, na me ara na mebɔɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔnsɛeɛ.


na susuhoma no bɛfiri hɔ ara afa ne ntentensoɔ afiri adi akɔduru Gareb kokoɔ so, na adane akɔ Goa,


Wɔatwa Moab abɛn, na ne basa abu, AWURADE asɛm nie.


Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nie, na siwabire homa ne susuo demmire kura ne nsamu, na ɔgyina ɛpono kɛseɛ no ano.


Na hwɛ, na ɔfasuo atwa efie no ho ahyia, na ɔbarima no kura demmire a ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ne nsamu, nsamu trɛ da anammɔn baako ne fa biara so, na ɔsusuu ɔfasuo no trɛ, demmire no baako, na ne korɔn nso demmire baako tentene.


Ɔbarima no firi kɔɔ apueeɛ no, na susuhoma kura ne nsamu, na ɔsusuu basafa ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nanpɔ soɔ.


Na ɔsusuu ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nankoroma. Na ɔsusuu ahanum, na ɔde me twae, nsuo a ɛka asene mu.


Yei akyiri no, mede hwɛ ara anadwo adehunu mu, na hwɛ, aboa a ɔtɔ so nnan a ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔyɛ den boro soɔ nie. Ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ, na ɔdidi kekaa mu de ne nan pɛkyɛɛ nkaeɛ, na ɛsono no ne mmoa a wɔdii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na mmɛn nnan nie.


Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kaa sɛ: Sɔre na susu Nyankopɔn asɔredan ne afɔrebukyia ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no.


Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios