Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 14:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɛda no nkwa nsuo bɛtue afiri Yerusalem, emu fa bɛkɔ apueeɛ fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔeɛ fam po no mu, ahuhuberɛ ne awɔberɛ mu na ɛbɛba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ɛda no nkwa nsuo bɛtue afiri Yerusalem, emu fa bɛkɔ apueeɛ fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔeɛ fam po no mu, ahuhuberɛ ne awɔberɛ mu na ɛbɛba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Saa da no, nkwa nsu bɛteɛ afi Yerusalem, fa bɛkɔ apuei po mu, na fa akɔ atɔe po mu, ahohurubere ne awɔwbere mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Saa ɛda no, nkwa nsuo bɛtene afiri Yerusalem. Ɛfa bɛkɔ apueeɛ ɛpo mu, na ɛfa akɔ atɔeɛ ɛpo mu, ahuhuro ne awɔ berɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɛda no, ɛbɛba sɛ nkwa nsu betue afi Yerusalem, emu fa bɛkɔ apuei fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔe fam po no mu, ahohurubere ne awɔwbere mu na ɛbɛba.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 14:8
18 Referencias Cruzadas  

nturo mu asubura, mmasuo aniwa ne nsuwansuwa a ɛfiri Lebanon so sene.


na kumaforoteɛ bɛdane ɔtareɛ, na asase pɛsɛɛ ayɛ nsuwansuwa; na ɛserɛ so kraman tenabea a wɔbutuiɛ no, ewira bɛfifiri ayɛ sɛ demmire ne mmɛwa.


ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn, na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn, na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.


Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa nyinaa, na ɔde nnepa amee wo kra, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsuo sene wɔ mu ne nsuo aniwa a emu nsuo nni hwammɔ.


Na atifi fam dɔm no, mɛyi wɔn afiri mo so akɔ akyirikyiri, na mapamo wɔn akɔ asase pradada so, na wɔn twafoɔ akɔ anim fam po no mu, na wɔn kyidɔm akɔ apueeɛ fam po no mu, na wɔn bɔn bɛsɔre, na wɔn nyaanyane bɛsɔre, ɛfiri sɛ wɔadi bɔne kɛseɛ.


Na ɛda no, mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ asene nufosuo, na nsuo asene Yuda mmonhwa nyinaa mu; na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no.


Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Na ɛda no ne nan bɛsisi Ngo-Bepɔ a ɛda Yerusalem ntentensoɔ apueeɛ fam no so, na Ngo-Bepɔ mfimfini bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam, na ayɛ bonhwa kɛseɛ pa ara, na bepɔ no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafoɔ fam.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.


Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.


Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdi kan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.]


Sɛdeɛ atwerɛsɛm no kaeɛ no: Deɛ ɔgye me die no, nkwa asubɔnten bɛsene afiri ne yam.


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios