Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 14:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɛda no awɔ anaa nsukyeneeɛ remma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɛda no awɔ anaa nsukyeneeɛ remma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Saa da no, hann, awɔw ne sukyerɛmma remma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Saa ɛda no, hann, awɔ ne nsukyeneeɛ remma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɛda no, awɔw anaa sukyenee biara remma.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 14:6
24 Referencias Cruzadas  

Hann pue sum mu ma nnipa tenenee, ɔne ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔteneneeni.


Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia bɛduru sum n’adifire mu, na ɔsrane nso renharan.


Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.


Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE, na ɔtie n’akoa asɛm? Deɛ ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, ma no mfa ne ho nto AWURADE din so, na ɔntwere ne Nyankopɔn.


Mehwɛɛ asase, na hwɛ, na ɛyɛ sakasaka ne amamfo. Na mehwɛɛ ɔsoro, na ne hann nni hɔ.


Na sɛ medum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro, na mama ne nsoromma abiri tumm; mede mununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renharan.


Mɛma ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn abiri wo so, na mama esum aduru w’asase so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


esum ne kusuuyɛ da, mununkum ne kusukuukuu da. Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den a ebi nte sɛ no firi teteete, na n’akyiri nso ebi renyɛ sɛ ɛno awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mfeɛ mu reyerɛ sɛ adekyeeɛ yerɛ mmepɔ soɔ no.


Na mɛma anwanwadeɛ aba ɔsoro ne asase so, mogya, ogya ne wisie kumoo.


Owia bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni no so.


Maba wiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me die no antena sum mu.


Na yei ne deɛ Odiyifoɔ Yoel kaeɛ no


Na mɛma anwanwadeɛ aba ewiem wɔ ɔsoro, na nsɛnkyerɛnneɛ aba asase so ɛfam, mogya ne ogya ne wisie kumoo.


na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefoɔ apɛgyadeɛ no fafafoɔ wɔ hann mu no ase,


Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios