Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 14:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 na Yerusalem ne Yuda nkukuo nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE fie bio ɛda no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 na Yerusalem ne Yuda nkukuo nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE fie bio ɛda no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Kuku biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ nea wɔatew ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔre nyinaa bɛfa nkuku yi bi anoa mu. Na saa da no, wɔrenhu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fi bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Kukuo biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ deɛ wɔate ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛfa nkukuo yi bi anoa mu. Na saa ɛda no, wɔrenhunu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fie bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 na Yerusalem ne Yuda nkutu nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔre nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE no fi bio ɛda no.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 14:21
27 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.


Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron; deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn; nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so.


Na deɛ wɔagya no Sion ne deɛ waka Yerusalem no, wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din afra ateasefoɔ mu, Yerusalem nyinaa,


O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔnanani biara a ɔyɛ akoma mu momonotoni ne honam mu momonotoni nnhyɛne me kronkronbea, ananafoɔ a ɛwɔ Israelfoɔ mu nyinaa mu,


Na sɛ moretwe asase no so ntonto de akyɛ agyapadeɛ a, monyi so mmasoɔ afɔrebɔdeɛ asase no mu akronkronneɛ mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du; wɔbɛfrɛ no asase kronkron n’ahyeɛ nyinaa mu.


Kanaan, nsisie nsania wɔ ne nsam, ɔpɛ amimdie.


Na mobɛhunu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔ kronkron no so, na Yerusalem bɛdane kronkronbea, na ananafoɔ rentwa mu hɔ bio.


Montwa adwo, mo a mote Mortar no, ɛfiri sɛ wɔasɛe adwadifoɔ asafo no nyinaa, na wɔatwitwa wɔn a wɔasoa dwetɛ nyinaa.


Ɛda no wɔbɛtwerɛ apɔnkɔ nnawa so sɛ: “KRONKRON MA AWURADE”! Na AWURADE fie nkukuo no bɛyɛ sɛ afɔrebukyia no anim nkoraa no;


Nanso sɛ modidi na monom nso a, ɛnyɛ mo ara na modidie na monom anaa?


Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.


Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kuro apono mu, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔnni mo mu kyɛfa anaa agyapadeɛ.


na ɛhɔ na monnidi AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afie ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no mu nyinaa.


na sɛ ebia mekyɛre a, woahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wobu wo bra Nyankopɔn fie a ɛyɛ Nyankopɔn teasefoɔ no asafo, nokorɛ dum ne nnyinasoɔ no mu.


Na Kristo deɛ, ɔdi ne fie so sɛ ɔba; nso ne fie no ne yɛn, nanso gye sɛ yɛsɔ anidasoɔ no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kɔsi awieeɛ.


Na ɛberɛ no aduru sɛ atemmuo firi aseɛ Nyankopɔn fie. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie wɔn a wɔntie Nyankopɔn asɛmpa no sɛn?


Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios