Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 14:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɛda no AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asosɔ wɔn nsam, na ɔbaako ama ne nsa so atia ne yɔnko nsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɛda no AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asosɔ wɔn nsam, na ɔbaako ama ne nsa so atia ne yɔnko nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Saa da no, Awurade bɛma nnipa abɔ huboa, na wobetwa wɔn ho ako.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Saa ɛda no, Awurade bɛma nnipa abɔ huboa, na wɔbɛtwa wɔn ho ako.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɛda no, AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asuso wɔn ho nsam, na obiako ama ne nsa so ahyɛ ne yɔnko nsa.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 14:13
8 Referencias Cruzadas  

Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mede ahodwirie bɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefoɔ. Na mɛbue m’ani Yuda fie so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifira bɛbobɔ wɔn.


Na merennodo asase no sofoɔ ho bio, AWURADE asɛm nie. Na hwɛ, merema nnipa atotɔ wɔn yɔnkonom nsam, ne wɔn ahemfo nsam, na wɔabobɔ asase no, na merenyi obiara mfiri wɔn nsam.


Na mɛfrɛ nkrantɛ atia no, me mmepɔ nyinaa so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ, obi de bɛka ne nua;


Na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrantɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsraban no nyinaa so. Na ɛdɔm no nyinaa dwane kɔsii Bet-sita wɔ Serera kɔsii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano.


Na Yuda nso bɛko atia Yerusalem, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa adeɛ dodoɔ ano, sika ne dwetɛ ne ntoma bebree pa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios