Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 14:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba mpaperɛ so afiri Geba akɔsi Rimon a ɛwɔ Yerusalem anafoɔ fam no, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afiri Benyamin ponkɛseɛ ano de akɔsi kane ponkɛseɛ no siberɛ de akɔsi ntweaso ponkɛseɛ no ano, na afiri Hananel abantenten no ho de akɔsi ɔhene nsa-kyi-amena no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba mpaperɛ so afiri Geba akɔsi Rimon a ɛwɔ Yerusalem anafoɔ fam no, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afiri Benyamin ponkɛseɛ ano de akɔsi kane ponkɛseɛ no siberɛ de akɔsi ntweaso ponkɛseɛ no ano, na afiri Hananel abantenten no ho de akɔsi ɔhene nsa-kyi-amena no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Asase a efi Geba kosi Rimon a ɛda Yerusalem anafo fam nyinaa bɛyɛ sɛ Araba. Nanso wɔbɛma Yerusalem so; efi Benyamin Pon kosi Ɔpon A Edi Kan de kɔ Ntwea so Pon, afei efi Hananel Abantenten kosi adehye nsakyiamoa nyinaa, na ɛbɛtena ne sibea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Asase a ɛfiri Geba kɔsi Rimon a ɛda Yerusalem anafoɔ fam nyinaa bɛyɛ asase tamaa sɛ Araba. Nanso, wɔbɛma Yerusalem so ama nnipa atena hɔ afiri Benyamin Ɛpono akɔsi Ɛpono A Ɛdi Ɛkan, de akɔsi Ntweasoɔ Ɛpono ne Hananel Abantenten de akɔsi ɔhene no nsakyimena no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Asase no nyinaa bɛdan ayɛ sɛ Araba tataw so afi Geba akosi Rimon a ɛwɔ Yerusalem nifa fam, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afi Benyamin ponkɛse ano de akosi kan ponkɛse no sibea de akosi twea ponkɛse no ano, na afi Hananel abantenten no ho de akosi ɔhene nsa-kyi-amoa no ho.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 14:10
28 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Ɔhene Asa maa wɔpaee no Yuda nyinaa, wɔanyi obiara amfiri mu, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na Ɔhene Asa de kyekyeree Geba-benyamin ne Mispa.


Na Israelhene Yoas kyeree Ahasia ba Yehoas ba Yudahene Amasia wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem bɛdwirii Yerusalem fasuo firi Efraim pono no ho de kɔsii ntwea pono no ho basafa ahanan.


Na wɔn nkuraa ne Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan, nkuro nnum,


Na wɔde Rimono ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Tabor ne ɛho asase a ɛwɔ Sebulon abusuakuo mu no maa Merari mma nkaeɛ;


Na Yudahene Amasia a ɔyɛ Yoas ba, Yehoahas ba deɛ, Israelhene Yoas kyeree no Bet-semes, na ɔde no baa Yerusalem na ɔdwirii Yerusalem fasuo no firii Efraim pono ho de kɔsii ntweaso pono no ho, basafa ahanu.


Na Usia totoo aban atentene wɔ Yerusalem, ntweaso pono no so, ne bonhwa pono no so ne emu fam ntweaso no so, na ɔhyehyɛɛ no den.


de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano.


Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.


wɔakɔfa mpɔtamu hɔ, wɔakɔsoɛ Geba anadwo no. Rama ho repopo, Gibea-saulo adwane.


Na nna a ɛdi akyire no mu no, AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na amanaman nyinaa asene yuu aba ho.


Pasur boroo Odiyifoɔ Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛseɛ a ɛwɔ soro, AWURADE fie mu no mu.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede Yakob ntomadan mu nnommum meresane aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kuro no ne daberɛ, na aban afɛfɛ nso bɛsi deɛ ɛsie.


Na ɔduruu Benyamin ponkɛseɛ mu no, na awɛmfoɔ so panin bi wɔ hɔ a ne din de Yiria, Hanania ba Selemia ba, na ɔsɔɔ Odiyifoɔ Yeremia mu kaa sɛ: Kaldeafoɔ no nkyɛn na woawae rekorɔ.


Na Etiopiani Ebed-melek, opiani a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura no mu; berɛ a na ɔhene no te Benyamin ponkɛseɛ mu.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no agyina hɔ, na mapempam wɔn mpaepaeɛ no, na magyina n’afasusini, na mato no sɛ tete nna no.


Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na aman asene yuu aba so.


Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara.


na ɔka kyerɛɛ no se: Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a ɛnni afasuo, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodoɔ nti;


Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso sɛ: Bepɔ kronkron.


ne Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon: Ne nyinaa yɛ nkuro aduonu nkron ne ɛho nkuraa.


Na Benyamin abusuakuo mu deɛ, wɔde Gibeon ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Geba ne ɛho asase,


Ɛnna wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ so fam Rimon botan no ho; na wɔkunkumm wɔn sɛdeɛ wɔtase mpɛpɛ, atempɔn no so, mmarima mpemnum; na wɔtu taree wɔn dii wɔn akyi kɔduruu Gidom, na wɔkunkumm wɔn mu mmarima mpennu.


Na mmarima ahansia nko na wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ soɔ kɔɔ Rimon botan no soɔ, na wɔkɔtenaa Rimon botan no so, abosome nnan.


Ɛnna asafo no nyinaa soma maa wɔne Benyaminfoɔ a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasaeɛ, na wɔkaa wɔn asomdwoeɛsɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios