Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 11:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na mebuu me dua baako Nkyekyerebomu no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na mebuu me dua baako Nkyekyerebomu no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Afei mibuu me pema a ɛto so abien a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Afei, mebuu me poma a ɛtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na mibuu me dua biako Nkyekyebom no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 11:14
14 Referencias Cruzadas  

Na Efraim anibereɛ bɛfiri akɔ, na Yuda ahohiahiafoɔ ase ahye. Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio.


Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre tia Yuda. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


na mayɛ wɔn ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔ no so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahennie mmienu bio,


Na merennodo asase no sofoɔ ho bio, AWURADE asɛm nie. Na hwɛ, merema nnipa atotɔ wɔn yɔnkonom nsam, ne wɔn ahemfo nsam, na wɔabobɔ asase no, na merenyi obiara mfiri wɔn nsam.


Na meyɛnee okum nnwankuo no, nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma mmienu, mefrɛɛ baako sɛ: Adom, na mefrɛɛ baako sɛ: Nkyekyerebomu; na meyɛnee nnwankuo no.


Ɛnna mekaa sɛ: Merenyɛne mo bio. Deɛ ɔwuo no nwu, na deɛ wɔtwa no twene no, wɔntwa no ntwene, na wɔn a wɔaka no, ɔbaako nni ne yɔnko nam.


Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree suntidua; na wɔbɛyiyi wɔn ho ama, na wɔatentane wɔn ho.


Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina.


Na sɛ mokeka na momemene mo ho a, monhwɛ yie na moanni mo ho awu.


Na sɛ mowɔ nitanmmɔne ne mansotwe mo akoma mu a, ɛnneɛ monnhoahoa mo ho, na monnni atorɔ nntia nokorɛ.


Na deɛ nitan ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛɛ bɔne nyinaa wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios