Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 1:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nnepa bɛbu so me nkuro mu, na AWURADE bɛkɔ so akyekyere Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nnepa bɛbu so me nkuro mu, na AWURADE bɛkɔ so akyekyere Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 “Kɔ so pae mu ka se, sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Nnepa bebu so wɔ me nkurow yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 “Kɔ so pae mu ka sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Nnepa bɛbu so wɔ me nkuro yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Nnepa bebu so me nkurow mu, na Awurade bɛkɔ so akyekye Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne de.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 1:17
33 Referencias Cruzadas  

na mayi Yerusalem sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.


Na Israel nkaeɛ no, asɔfoɔ no, Lewifoɔ no wɔ Yuda nkuro mu tete wɔn agyapadeɛ so.


Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.


Na Onyankopɔn bɛgye Sion na wakyekyere Yuda nkuro, na wɔatena mu, na ayɛ wɔn dea.


Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wayi Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafoɔ de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fie ho.


deɛ ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfoɔ agyinatusɛm ba mu; deɛ ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa bɛtena mu! ne Yuda nkuro ho sɛ: Wɔbɛkyekyere, na mɛma n’akurofo so agyinagyina.


Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurisie! mmepɔ nso, momfrɛ nserehehe dwom! Na AWURADE akyekyere ne man werɛ, na wahunu ne mmɔborɔfoɔ mmɔbɔ!


Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ; hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?


Na AWURADE rekyekyere Sion werɛ, ɔkyekyere n’amamfo nyinaa werɛ, na wadane ne serɛ so sɛ Eden, ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom, wɔbɛhunu mu ahosɛpɛ ne anigyeɛ, aseda ne dwontoɔ.


Yerusalem amamfo, mommom nto anigyeɛ dwom, na AWURADE akyekyere ne man werɛ, wagye Yerusalem.


Abufuo mmorosoɔ mu na mede m’ani mehuntaa wo kakraa bi, nanso mede daa adɔeɛ bɛhu wo mmɔbɔ, wo Gyefoɔ AWURADE na ɔseɛ.


Sɛ obi na kyekyere ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkyekyere mo werɛ, na mo werɛ akyekyere wɔ Yerusalem.


Ɛno na mmammaa ani bɛgye asa mu, na mmeranteɛ ne nkɔkoraa abom anya anigyeɛ; na mɛdane wɔn abooboodie ahosan, na makyekyere wɔn werɛ, na mama wɔn ani agye afiri wɔn awerɛhoɔ mu.


mmepɔ so nkuro, Sefela nkuro ne Negeb nkuro mu ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkuro mu na nnwan bɛfa ɔkanfoɔ nsa ase atwam bio, AWURADE na ɔseɛ.


Na kuro yi bɛdane me ahosan din, ayeyie ne animuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yie a mereyɛ wɔn no nyinaa nti, na wɔn akoma bɛtu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoeɛdeɛ nyinaa a mɛyɛ mama no no ho.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a mɛte mo ho afiri mo amumuyɛdeɛ nyinaa mu no, mɛma wɔatenatena nkuro no so, na wɔakyekyere amamfo no,


Na mɛdane me man Israel nnommumfa no, na wɔabɛkyekyere nkuro agoago no atena mu, na wɔatɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa, na wɔayɛ nturo na wɔadi mu aba.


Na dɔm yi a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no nnommum a wɔwɔ Kanaanfoɔ mu no bɛdi asase no so de akɔsi Sarefat, na Yerusalem nnommum a wɔwɔ Sefarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so.


Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no ka kyerɛɛ me sɛ: Pae ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ninkunu kɛseɛ na matwe no Yerusalem ne Sion ho,


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na mmɛn nnan nie.


Na AWURADE bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa asase kronkron no so, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.


na ɔka kyerɛɛ no se: Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a ɛnni afasuo, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodoɔ nti;


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu?


sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios