Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 9:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔn nti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔtew me fi Kristo ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔn enti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔte me firi Kristo ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na anka mepɛ sɛ woyi me ara fi Kristo ho yɛ abusude ma me nuanom a ɔhonam fam wɔyɛ m’abusuafo,

Ver Capítulo Copiar




Romafo 9:3
27 Referencias Cruzadas  

Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ bosome.


Na ɔhene ho popoe, na ɔforo kɔɔ kuro pono so pia mu, na ɔsui. Na ɔrekorɔ no, sɛ ɔkaeɛ nie: Ao, me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka mesii w’ananmu wui! Ao, Absalom, me ba, me ba!


na mɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfoɔ no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfoɔ sɛeɛ?


Na afei, sɛ wode wɔn bɔne no bɛkyɛ a! Na sɛ ɛnte saa a, pepa me nso firi wo nwoma a woatwerɛ no mu ɛ!


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnnyaa wo ho nwoma bi mfirii Yudea, nanso anuanom no mu biara mma mmɛbɔɔ kaseɛ, anaasɛ ɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne bi.


wɔ ne ba a honam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho;


Na afei mese: Onyankopɔn ato ne man atwene anaa? Dabi da, na me nso meyɛ Israelni a mefiri Abraham asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu.


sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfoɔ Yudafoɔ no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa.


Monkyea me busuani Herodion. Monkyea wɔn a wɔfiri Narkiso fiefoɔ mu a wɔwɔ Awurade mu no.


Me yɔnko dwumayɛfoɔ Timoteo ne m’abusuafoɔ Lukio, Yason ne Sosipatro kyea mo.


Monkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ ne me yɔnko mpokyerɛfoɔ a wɔwɔ din asomafoɔ no mu na wɔdii m’anim Kristo mu no.


sɛ: Medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne daa yea wɔ m’akoma mu.


Enti merema mo ahunu sɛ, obiara a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa no mfrɛ Yesu abusudeɛ; na obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so.


Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, ɔnnue! Marana-ta (Yɛn Awurade, bra!).


Na me deɛ, mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama wɔahwere me ama mo kra. Na sɛ medɔ mo ma no boro so saa a, ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ mo dɔ sua sene me deɛ?


Na sɛ mpo yɛn anaa abɔfoɔ bi firi soro ba bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo, ka deɛ yɛka kyerɛɛ mo no ho a, ɔnnue!


Sɛdeɛ yɛkaa no kane no, saa ara na afei mereka bio, sɛ obi ba bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo ka deɛ moagyeɛ no ho a, ɔnnue!


Na dodoɔ a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma soɔ no hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ara ntena deɛ wɔatwerɛ no mmara nwoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.


Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ,


Nkoa, momfa suro ne ahopopoɔ ntie mo honam fam wuranom asɛm mfiri mo akoma mu, sɛdeɛ moyɛ ma Kristo,


ne funu no nntena dua no so anadwo, sie no da no ara; na deɛ wɔasɛne no no yɛ Nyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no ho fi.


Na ɛdenee Israel mmarima da no; na Saulo kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidie ansa na onwunu adwoɔ, na mentɔ m’atamfoɔ so were. Enti ɔman no mu, obiara amfa aduane anka n’ano.


Na Saulo kaa sɛ: Yonatan, Onyankopɔn nyɛ saa na ɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ wuo na wobɛwuo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios