Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 8:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 sɛ mmara no asɛntenenee mmra mu wɔ yɛn a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnam honhom deɛ mu no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 sɛ mmara no asɛntenenee mmra mu wɔ yɛn a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnam honhom deɛ mu no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Onyankopɔn yɛɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛde ama yɛn, yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnantew honhom mu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Onyankopɔn yɛɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛdeɛ ama yɛn, yɛn a yɛnnante ɔhonam fam, na mmom yɛnante honhom mu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 sɛ mmara no asɛntrenee mmra mu wɔ yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnam honhom de mu no ho.

Ver Capítulo Copiar




Romafo 8:4
13 Referencias Cruzadas  

Na mese: Monnante honhom mu na monnni honam akɔnnɔ akyi.


afei ɔnam owuo so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo bɛsi hɔ sɛ nnipa kronkron a wɔnni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim;


Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,


ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no badwa, ne Onyankopɔn, nnipa nyinaa temmufoɔ no, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom,


na wɔanhunu atorɔ bi wɔ wɔn anomu; na wɔnni dɛm.


Adɔfo, afei yɛyɛ Nyankopɔn mma, na deɛ yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yɛnim sɛ, sɛ ɔyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ.


Enti sɛ momonotoni no di mmara mu nsɛntenenee so a, wɔremmu ne momonotoyɛ no sɛ twetiatwa anaa?


Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,


Ɛnneɛ na yɛnam gyidie so tuu mmara no guiɛ anaa? Dabi da, na mmom yɛma mmara no ase tim.


Na meresrɛ mo, na meba mo nkyɛn a, anhia sɛ mekyerɛ akokoɔduro a mahyɛ sɛ mede awerɛhyɛmu bɛsi me bo makyerɛ wɔ ebinom a wɔbu yɛn sɛ yɛnam honam fam no soɔ.


Na yɛnam honam mu deɛ, nanso yɛntu ɔsa honam fam;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios