Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 8:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 efisɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a efi Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afi mmara a ɛde owu ba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 ɛfiri sɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a ɛfiri Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afiri mmara a ɛde owuo ba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu.

Ver Capítulo Copiar




Romafo 8:2
29 Referencias Cruzadas  

Ma mennya wo nkwagyeɛ ho abotɔyam bio, na ayamyie honhom nsɔ me mu.


Wɔnante a, yeinom nso nante, na sɛ wɔgyina a, yeinom nso gyina, na wɔma wɔn ho so firi fam a, nkyimiiɛ no nso mema wɔn ho so, wɔn nkyɛn mu, ɛfiri sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no honhom wɔ nkyimiiɛ no mu.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.


Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.


Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.


na mobɛhunu nokorɛ no, na nokorɛ no ayɛ mo adehyeɛ.


Enti sɛ Ɔba no yɛ mo adehyeɛ a, mobɛyɛ adehyeɛ ampa.


Monkyea Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfoɔ Kristo Yesu mu


Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afiri mu. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma deɛ so anaa? Dabi, na mmom ɛnam gyidie mmara so.


Na sɛdeɛ bɔne dii hene owuo mu no, adom nso nam tenenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.


Na bɔne renni mo so, ɛfiri sɛ monni mmara ase, na mmom mowɔ adom ase.


Na moade mo ho wɔ bɔne ho yi, moabɛyɛ tenenee nkoa.


Na afei wɔayi mo afiri bɔne mu na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahoteɛ mu na n’awieeɛ ne daa nkwa.


Ɛnneɛ mehunu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ no, bɔne wɔ me mu.


nanso mehunu mmara foforɔ bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.


Saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforɔ a ɔno ne deɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu no deɛ, na yɛaso aba ama Onyankopɔn.


Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.


Saa ara nso na wɔatwerɛ sɛ: Adam, onipa a ɔdi kan no, bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ. Adam a ɔdi akyire no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.


Na Awurade ne honhom no; na faako a Awurade honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadie wɔ.


Ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforɔ ho asomfoɔ, nyɛ atwerɛdeɛ mu, na mmom honhom mu, ɛfiri sɛ atwerɛdeɛ deɛ, ɛkum, na honhom deɛ ɛma nkwa.


Na me deɛ, menam mmara no so mewu memaa mmara na matena ase mama Onyankopɔn.


Adehyedie mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti monnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔnnua ntoatoa mo bio.


Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia, na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.


Na deɛ ɔkoto hwɛ adehyedie mmara a ɛdi mu no mu, na ɔtena mu, na ɔnyɛ otiefoɔ werɛfirifoɔ, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfoɔ no, onii no na wɔbɛhyira no n’adeyɛ no mu.


Na nnansa ne fa akyiri no, nkwa honhom firii Nyankopɔn mu bɛhyɛnee wɔn mu, na wɔgyinagyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhunuu wɔn no.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios