Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 4:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Afei ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Afei ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Asɛm bɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? Osuahu bɛn na onyae?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn tete agya Abraham ho? Osuahunu bɛn na ɔnyaeɛ?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Afei dɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho?

Ver Capítulo Copiar




Romafo 4:1
18 Referencias Cruzadas  

monhwɛ mo agya Abraham ne Sara a ɔkyem mo woo mo no, sɛ ɔyɛ ɔbaakofoɔ na mefrɛɛ no, na mehyiraa no memaa no dɔree.


Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.


Na afei monso aba a ɛfata adwensakyera, na mommfiri aseɛ nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mese mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.


Wɔbuaa no sɛ: Abraham asefoɔ ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehyeɛ?


Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Na adiyifoɔ no nso wui a; ɛnneɛ na woreyɛ wo ho hwan ni?


Mo agya Abraham ho sanee no sɛ ɔbɛhu me da; na ɔhunui, na n’ani gyee.


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


wɔ ne ba a honam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho;


Na sɛ tene a yɛntene yi na ɛyi Nyankopɔn tenenee no kyerɛ a, yɛbɛse deɛn? Onyankopɔn ntene sɛ ɔde abufuo ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.)


Enti ɛfiri gyidie mu, sɛ ɛmfiri adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n’asefoɔ no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wɔfiri Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya, gyidie mu no nso bi,


Enti afei yɛbɛka sɛn? Yɛntena bɔne mu na adom no nnɔɔso anaa?


Enti afei yɛbɛka sɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi da, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka mennim bɔne, na sɛ mmara anka sɛ: Mma w’ani mmmere ade a, anka mennim akɔnnɔ.


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


Wɔyɛ Hebrifoɔ? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ? Me nso meyɛ bi.


Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefoɔ na yɛfɛre wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase, nkyɛne saa pii mmom, na yɛatena ase?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios