Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 3:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛn Yudafoɔ sene yeinom anaa? Yɛnsene wɔn koraa. Na yɛde akane nsɛm no akyekyere Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛn Yudafoɔ sene yeinom anaa? Yɛnsene wɔn koraa. Na yɛde akane nsɛm no akyekyere Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Afei, dɛn na yɛnka? Yɛn Yudafo yɛ nnipa sen amanamanmufo no ana? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dedaw sɛ Yudafo ne amanamanmufo nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ yɛ nnipa sene amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada sɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnne na ɛdɛn? Yɛn Yudafo sen eyinom anaa? Yɛnsen wɔn koraa. Na yɛde kan nsɛm no akyekyere Yudafo ne Helafo nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,

Ver Capítulo Copiar




Romafo 3:9
21 Referencias Cruzadas  

Nanso atwerɛ no aka nnoɔma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afiri Yesu Kristo ho gyidie mu ama wɔn a wɔgye die.


Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ yɛnni mmara ase, na mmom adom ase anaa? Dabi da.


Wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho te sene woɔ no. Yeinom ne me hwene mu wisie, ogya a ɛdɛre daa nyinaa.


Na Onyankopɔn aka wɔn nyinaa ahyɛ gyeɛ a wɔnnye nnie no ase sɛ ɔbɛhu wɔn nyinaa mmɔbɔ.


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na yei mu na medi ahurisie; enti ɛdeɛn, m’ani bɛgye ara.


Na dodoɔ a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma soɔ no hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ara ntena deɛ wɔatwerɛ no mmara nwoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.


Na afei ɛdeɛn? Mede honhom bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso mabɔ mpaeɛ; mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom.


Afei mese deɛn? Sɛ abosom afɔdeɛ yɛ biribie anaasɛ ɔbosom yɛ biribie?


Na hwan na ɔma wo da nso wɔ afoforɔ mu? Na ɛdeɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wonyae a, adɛn nti na wohoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ nya na wonyaeɛ?


Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ hwehwɛ no, wɔannya, na wɔn a wɔayi wɔn no anya, na wɔn a aka no akoma apirim;


Na sɛ tene a yɛntene yi na ɛyi Nyankopɔn tenenee no kyerɛ a, yɛbɛse deɛn? Onyankopɔn ntene sɛ ɔde abufuo ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.)


Na wɔda Nyankopɔn abufuo adi firi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛɛ a ɛntene nam amumuyɛ so si nokorɛ no kwan.


Na Farisini a ɔhyiaa no adidie no hunuiɛ no, ɔkaa ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa ka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni.


Hwan na ɔbɛka sɛ: Mate no m’akoma mu, me ho afi afiri me bɔne ho?


Enti wo onipa biara a wobu atɛn no, anoyie biara nni hɔ mma wo; ɛfiri sɛ deɛ wobu obi atɛn wɔ mu no, wobu wo ara wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo a wobu atɛn no woyɛ saa adeɛ no ara.


Afei ɛdeɛn na Yudani wɔ boro soɔ, anaasɛ twetiatwa ho mfasoɔ ne deɛn?


Na yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ, na me deɛ, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne aseɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios