Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 3:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu, na wobu atɛn a, woadi nkonim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu, na wobu atɛn a, woadi nkonim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofo a, Onyankopɔn de, ɔyɛ ɔnokwafo, sɛnea wɔakyerɛw se, “Wudi bem wɔ wo kasa mu na woteɛ wɔ wʼatemmu mu.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofoɔ a, Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Dabida, na mmom, ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɛbɛyɛ na woadi bem wo nsɛm mu, na wubu atɛn a, woadi nkonim.

Ver Capítulo Copiar




Romafo 3:4
33 Referencias Cruzadas  

Mɛfa me nimdeɛ afiri akyirikyiri, na mede me yɛfoɔ no bem ama no.


Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem?


Na AWURADE yɛ, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.


Mekaa m’akomatuo mu sɛ: Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.


W’asɛm ntoano yɛ nokorɛ, na wo tenenee atemmuo nyinaa wɔ hɔ daa.


Mɛkoto makyerɛ w’asɔrefie kronkron no, na mada wo din ase, w’adɔeɛ ne wo nokorɛ ho, sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa.


Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w’atemmuo mu.


Ampa ara, nnipa mma yɛ huhuo, mmarima mma yɛ atorɔdeɛ. Wɔgu nsaniam a, ɛhwan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ huhuo.


Fa nokorɛ kyerɛ Yakob, yi adɔeɛ kyerɛ Abraham, sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi tete nteredee nna mu no.


Onipa ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na wɔse: Hwɛ, odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.


Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ yi, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ. Na wɔteeɛ no, wɔkaa sɛ: Onyame mpa ngu!


Deɛ ɔgye n’adanseɛ no asi agyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.


Na afei mese: Onyankopɔn ato ne man atwene anaa? Dabi da, na me nso meyɛ Israelni a mefiri Abraham asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu.


Na afei mese: Wɔnsuntii sɛ wɔrehwe aseɛ? Dabi da, na mmom nkwagyeɛ nam wɔn ntereho no so bɛyɛɛ amanaman mufoɔ no deɛ, sɛ ɛrebɛma wɔatwe ninkunu.


Ɛnneɛ na yɛnam gyidie so tuu mmara no guiɛ anaa? Dabi da, na mmom yɛma mmara no ase tim.


Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ yɛnni mmara ase, na mmom adom ase anaa? Dabi da.


Dabi da, yɛn a yɛwu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu?


Ɛnneɛ na deɛ ɛyɛ papa no adane owuo ama me anaa? Dabi da, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam deɛ ɛyɛ papa no so mpo de owuo aba me soɔ, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atra so.


Enti afei yɛbɛka sɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi da, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka mennim bɔne, na sɛ mmara anka sɛ: Mma w’ani mmmere ade a, anka mennim akɔnnɔ.


Enti afei yɛbɛka sɛn? Adeɛ a ɛntene wɔ Nyankopɔn hɔ anaa? Dabi da!


Monnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo akwaa bi? Memfa Kristo akwaa menkɔyɛ no odwamamfoɔ akwaa? Ɛmpare me!


Na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ nti, yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no nnyɛ aane ne dabi.


Na yɛn a yɛhwehwɛ sɛ wɔbu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wɔhu yɛn nso sɛ nnebɔneyɛfoɔ a, ɛnneɛ na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabi da.


Mempo Nyankopɔn adom no; ɛfiri sɛ, sɛ tenenee nam mmara so na ɛba a, ɛnneɛ na Kristo awu kwa.


Na me deɛ, ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛnnua mu; ɛno so na wɔnam abɔ wiase asɛnnua mu ama me, na wɔabɔ me nso asɛnnua mu ama wiase.


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


Deɛ ɔgye Nyankopɔn Ba no die no wɔ adanseɛ, ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba ho no anni.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini a obi nto mu, na ɔto mu, a obi nhini no, seɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios