Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 2:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Aane, ahohia ne ahometeɛ bɛba nnipa a wɔyɛ bɔne nyinaa so, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Aane, ahohia ne ahometeɛ bɛba nnipa a wɔyɛ bɔne nyinaa so, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Yudafo ne amanamanmufo a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa behu amane na wɔn werɛ nso bɛhow.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 ne ahometew bɛba nnipa a wɔyɛ bɔne nyinaa so, Yudafo kan ne Helafo nso.

Ver Capítulo Copiar




Romafo 2:9
35 Referencias Cruzadas  

ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛtua ɔbɔnefoɔ ka ama ne bɔne abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.


Ɔbɔnefoɔ yea dɔɔso, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no, wɔde adɔeɛ bɛdi no barehyia.


Teneneefoɔ adeɛ a wɔpɛ yɛ papa nko ara, na abɔnefoɔ deɛ anidasoɔ dane wɔn abufuo.


Hwɛ, akra nyinaa wɔ me. Sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba nso kra wɔ me ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na ɔbɛwuo.


Enti mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wɔn so, na madwerɛ wɔn anibereɛ gya no mu, na mede wɔn abrabɔ abua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Mo nko ara na menim mo, asase so mmusua nyinaa mu, ɛno nso nti na mɛtua mo mo amumuyɛ nyinaa so ka.


Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Na wɔtee nsɛm yi no, wɔmuaa wɔn ano, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnneɛ na Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ no nso adwensakyera a ɛde kɔ nkwa mu.


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.


na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kane, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, na wɔnnane mmra Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakyera.


Na ɛbaa sɛ nnansa akyiri no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafoɔ atitire no hyiae; na wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, manyɛ biribi mantia ɔman anaa yɛn agyanom amanneɛ deɛ, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa.


Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte.


Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.


Na m’ani nwu asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔgye die nyinaa, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso.


Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Helani ntam; ɛfiri sɛ Awurade korɔ no ara na ɔdi wɔn nyinaa soɔ, na ɔwɔ ahonyadeɛ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.


na mmom wɔn a wɔyɛ papa no nyinaa deɛ, animuonyam ne anidie ne asomdwoeɛ bɛba ama wɔn, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso bi.


Hwan na ɔbɛtete yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa nkrantɛ?


Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafoɔ nko ara mu, na amanaman mufoɔ nso.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Ɛfiri sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wɔhiahia mo ho no ka,


Na ɛberɛ no aduru sɛ atemmuo firi aseɛ Nyankopɔn fie. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie wɔn a wɔntie Nyankopɔn asɛmpa no sɛn?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios