Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 2:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Enti wo onipa biara a wobu atɛn no, anoyie biara nni hɔ mma wo; ɛfiri sɛ deɛ wobu obi atɛn wɔ mu no, wobu wo ara wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo a wobu atɛn no woyɛ saa adeɛ no ara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Enti wo onipa biara a wobu atɛn no, anoyie biara nni hɔ mma wo; ɛfiri sɛ deɛ wobu obi atɛn wɔ mu no, wobu wo ara wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo a wobu atɛn no woyɛ saa adeɛ no ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mo a mubu afoforo atɛn no, munni anoyi biara. Ɔkwan biara a mobɛfa so abu afoforo atɛn no, ɛnam saa ɔkwan no ara so ma mode atemmu ba mo ho so. Efisɛ bɔne a ɛma mubu afoforo atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne koro no ara bi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mo a mobu afoforɔ atɛn no, monni anoyie biara. Ɛkwan biara a mobɛfa so abu afoforɔ atɛn no, ɛnam saa ɛkwan no ara so ma mode atemmuo ba mo ho so. Ɛfiri sɛ, bɔne a ɛma mobu afoforɔ atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne korɔ no ara bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Enti, wo nipa biara a wubu atɛn no, anoyi bi nni hɔ mma wo; efisɛ nea wubu obi atɛn wɔ mu no, wubu wo ankasa wo ho fɔ, efisɛ wo a wubu atɛn no, woyɛ saa ade no ara.

Ver Capítulo Copiar




Romafo 2:1
20 Referencias Cruzadas  

Na ɔbisaa no sɛ: Onipa, hwan na ɔde me sii mo so sɛnnifoɔ anaa ɔdekyɛfoɔ?


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ,


Nanso mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn; mommmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.


Wo deɛ, wo gyidie a wowɔ no, kora fa wɔ Nyankopɔn anim! Nhyira ne deɛ ɔmmu ne ho atɛn, deɛ ɔbu no sɛ ɛyɛ no mu.


Nanso yɛnim sɛ Nyankopɔn atemmuo fa ne kwan so pɛpɛɛpɛ, ba wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no so.


Na, wo onipa a wobu wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no atɛn na woyɛ saa ara no, wosusu sɛ wobɛdwane Nyankopɔn atemmuo no anaa?


Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛn Yudafoɔ sene yeinom anaa? Yɛnsene wɔn koraa. Na yɛde akane nsɛm no akyekyere Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,


Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


Na ɔyere, wonim sɛ, ebia wo na wobɛgye wo kunu nkwa? Anaasɛ, okunu, wonim sɛ, ebia wo na wobɛgye wo yere nkwa?


Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wɔkyerɛ wo sɛ gyidie a adwuma nni ho awu anaa?


Anuanom, monnnidi mo ho nsekuro! Deɛ ɔdi onua ho nsekuro na ɔbu ne nua atɛn no, ɔdi mmara ho nsekuro na ɔbu mmara atɛn. Na sɛ wobu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfoɔ, na mmom woyɛ ne temmufoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios