Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 12:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na menam adom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ ɔnnnwene nntra deɛ ɛsɛ sɛ ɔdwene, na mmom ɔnnwene anidahɔ adwene, sɛdeɛ Onyankopɔn asusu gyidie akyekyɛ de ama obiara no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na menam adom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ ɔnnnwene nntra deɛ ɛsɛ sɛ ɔdwene, na mmom ɔnnwene anidahɔ adwene, sɛdeɛ Onyankopɔn asusu gyidie akyekyɛ de ama obiara no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na esiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka kyerɛ mo nyinaa se, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛnea ɛsɛ sɛ modwene, na mmom monnwene mo ho ahobrɛase mu, na mo mu biara nnyina gyidi a Onyankopɔn de ama mo no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɛsiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no enti, meka mekyerɛ mo nyinaa sɛ, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛdeɛ ɛsɛ sɛ modwene, na mmom, monnwene mo ho ahobrɛaseɛ mu, na mo mu biara nnyina gyidie a Onyankopɔn de ama mo no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.

Ver Capítulo Copiar




Romafo 12:3
47 Referencias Cruzadas  

Ɛwoɔdie ntrasoɔ nyɛ, enti animuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho nyɛ animuonyam.


Wohunu onipa a ɔyɛ ɔno ara n’ani so nyansafoɔ a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.


Nyɛ wo ho ɔteneneeni bebrebe, na nyɛ onyansafoɔ ntra so: Adɛn nti na wosɛe wo ho?


Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa, ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ.


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.


Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ.


a yɛnam ne so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidie ne din nti;


Wiɛ, gyeɛ a wɔannye annie nti na ɛbubuiɛ, na wo deɛ, wode gyidie na ɛgyina hɔ. Nnwene akokurokosɛm, na mmom suro!


Na, anuanom, mempɛ sɛ mesi mo ahuntasɛm yi soɔ, na moammu mo ho anyansafoɔ. Ɛne sɛ akomapirim aba Israel afaafa mu, de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no bɛwie mayɛ;


Mo nyinaa nnya adwenkorɔ; mommmoma mo ho so, na mmom momma ahobrɛasedeɛ mfa mo! Mommmu mo ho anyansafoɔ!


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Nyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifoɔ nyansafoɔ, na obi to so; na obiara a ɔto soɔ no nhwɛ sɛdeɛ ɔto so fa.


Na sɛdeɛ Awurade akyɛ ama obiara ne sɛdeɛ Onyankopɔn afrɛ no no, saa ara na ɔmmɔ ne bra; na sɛdeɛ mehyehyɛ no asafo nyinaa mu ne no.


Na yɛn deɛ, yɛrenhoahoa yɛn ho mma no ntra so, na mmom sɛdeɛ susuhoma a Onyankopɔn de asusu ama yɛn sɛ yɛbɛduru mo nkyɛn bi no teɛ no.


Na ɛdeɛn mu na motɔɔ sini a amma moanto asafo a aka no, sɛ adesoa a mo deɛ, manyɛ mamma mo no? Momfa bɔne yi nkyɛ me!


Na deɛ ɛbɛyɛ na meremfa adiyie no tra a ɛtra soɔ memma me ho so bebree nti, wɔama me honam mu kasɛɛ, Satan bɔfoɔ, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.


Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ berɛ ko ɔnyɛ obiara, ɔdaadaa ne ho.


sɛ ebia moate ofiehwɛ-adwuma a Nyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,


Sɛ mokekan a, mode bɛhunu nteaseɛ a mewɔ wɔ Kristo ahuntasɛm no ho


Ne mu na nipadua nyinaa ayɛ mua ɛsiane akwaa ahodoɔ a aka atoatoa mu asisi so pɛpɛɛpɛ na ebiara yɛ n’adwuma yie nti, na ɛma nipadua no nyini na ɛyɛne ne ho ɔdɔ mu.


na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma wɔ mo mu, na monya ɔpɛ ma moyɛ adwuma nyinaa sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ.


Na mo a anka moyɛ awufoɔ, ɛsiane mo mfomsoɔ ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no anya nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mfomsoɔ nyinaa akyɛ yɛn,


Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu.


nanso sɛ ɔtena gyidie ne ɔdɔ ne ahoteɛ ne adwenemuteɛ mu a, wɔbɛgye no nkwa n’abawoɔ mu.


Saa ara nso na mmaa nhyɛ ntadeɛ a ɛsɛ, mfa ani a ɛwu adeɛ ne adwenemuteɛ nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔ anaa sika anaa nhwene pa anaa ntadeɛ a ɛwɔ boɔ mu,


Na ɛyɛne yɛn, sɛ, sɛ yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemuteɛ ne tenenee ne onyamesom pa ntena wiase berɛ yi mu,


Nkɔkoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwene mu nte, wɔn ho nyɛ wɔn den, gyidie, ɔdɔ, ne boasetɔ fam.


na wɔde ate mmabaa adwene mu ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma,


Mmeranteɛ nso saa ara na tu wɔn foɔ, na wɔnnwene adwempa.


Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se: Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Enti mommɔ mo adwene mu abɔsoɔ, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyie mu no so koraa.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Nanso adeɛ nyinaa awieeɛ abɛn. Enti momma mo adwene mu nte na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Metwerɛ mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔrepɛ wɔn mu panin adie no nnye yɛn nto mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios