Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 10:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na medi wɔn adanseɛ sɛ wɔwɔ Nyankopɔn ho mmɔdemmɔ deɛ, nanso wɔnni no nimdeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na medi wɔn adanseɛ sɛ wɔwɔ Nyankopɔn ho mmɔdemmɔ deɛ, nanso wɔnni no nimdeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Metumi adi wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ. Nanso wɔn som no mfi nimdeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mɛtumi madi wɔn ho adanseɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ. Nanso, wɔn som no mfiri nimdeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdemmɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar




Romafo 10:2
22 Referencias Cruzadas  

Na ɔkaa sɛ: Ɛne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema AWURADE. Na ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam no mu.


Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre AWURADE?


Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nyɛ, na deɛ ne nan ase yɛ herɛ no yɛ bɔne.


Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafoɔ nso aba asɔrefie, de efi abɛka kronkronbea ha yi.


Na wɔtiee no bɛduruu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi firi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase!


Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.


Anuanom, m’akoma mu adeɛ a mepɛ, ne me nkoto a mekoto mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ, wɔbɛnya nkwa.


Na wɔnnim Nyankopɔn tenenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ara tenenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Nyankopɔn tenenee ase.


wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


na medi wɔn ho adanseɛ sɛ, wɔde wɔn ara wɔn pɛ maa sɛdeɛ wɔbɛtumi, wɔma maa no boroo wɔn ahoɔden so mpo,


na menyaa nkɔsoɔ Yudafoɔ som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree m’abusua mu, na mebɔɔ agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree maa no traa so.


Na afei mo ahosɛpɛ no wɔ he? Ɛfiri sɛ medi mo adanseɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, anka motutuu mo ani maa me.


Na mebɔ yei ho mpaeɛ sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu,


mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu tenenee fam, wɔannya me ho asɛm.


Na medi no ho adanseɛ sɛ ɔbɔ mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios