Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na me danseni ne Onyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ mennyae mo din bɔ da, me mpaebɔ mu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na me danseni ne Onyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ mennyae mo din bɔ da, me mpaebɔ mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Onyankopɔn a mede me koma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ nea meka no yɛ nokware. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Onyankopɔn a mede mʼakoma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, deɛ meka no yɛ nokorɛ. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na me dansefo ne Nyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ minnyae mo dinbɔ da, me mpaebɔ mu,

Ver Capítulo Copiar




Romafo 1:9
34 Referencias Cruzadas  

Seesei mpo, hwɛ, ɔsoro na me danseni wɔ, na me dimafoɔ wɔ deɛ ɛkorɔn.


Yesu Kristo, [Nyankopɔn ba] asɛmpa no mfitiaseɛ.


Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho:


Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ deɛ, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ maa no.


Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.


Na yei deɛ, mepae mu meka mekyerɛ wo sɛ Ɔkwan a wɔfrɛ no sɛ Fekuo no mu na mesɔre m’agyanom Nyankopɔn, na megye nnoɔma a wɔatwerɛ no mmara ne adiyifoɔ mu nyinaa medi.


Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne dea na mesom no no bɔfoɔ bɛgyinaa me nkyɛn


Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.


Mereka nokorɛ no Kristo mu, menni atorɔ, na m’ahonim nso redi me adanseɛ Honhom Kronkron mu


Na me deɛ, mefrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnni me kra adanseɛ sɛ, mempɛ sɛ mebɛho mo werɛ nti na mamma Korinto bio no.


Awurade Yesu Nyankopɔn ne n’Agya a nhyira nka no daa no nim sɛ merenni atorɔ.


Na deɛ meretwerɛ mo yi, hwɛ, Nyankopɔn anim, merenni atorɔ.


na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,


Meda me Nyankopɔn ase nkaeɛ a mede mekae mo no nyinaa mu.


Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigyeɛ mesrɛ mema mo nyinaa,


Na ɔno deɛ, sɛdeɛ monim no, monim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔba ne n’agya ntam.


Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.


Da biara, yɛda Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, na yɛbɔ mo din wɔ yɛn mpaebɔ mu,


Awia ne anadwo yɛsrɛ pii sɛ yɛbɛhunu mo anim, na yɛama mo gyidie awie mayɛ.


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ (meka nokorɛ, menni atorɔ), amanaman mufoɔ kyerɛkyerɛfoɔ wɔ gyidie ne nokorɛ mu.


Meda Onyankopɔn a mefiri ahonim pa mu mesom no sɛ m’agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo,


Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase,


me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios