Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Deɛ ɛdi kan ne sɛ, mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, ɛfiri sɛ wɔka mo gyidie ho asɛm wiase nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Deɛ ɛdi kan ne sɛ, mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, ɛfiri sɛ wɔka mo gyidie ho asɛm wiase nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma mo nyinaa, efisɛ mo gyidi a mowɔ no adu wiase mmaa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mo gyidie a mowɔ no aduru ewiase afanan nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Nea edi kan ne sɛ mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wiase nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Romafo 1:8
25 Referencias Cruzadas  

Na wɔbɛka ahennie no ho asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.


Nna no mu no, mmara bi firi Kaesare Augusto nkyɛn baa sɛ wɔnkan wiasefoɔ nyinaa, ntwerɛ wɔn din.


Na wɔn mu baako a ne din de Agabo sɔree nam Honhom so kyerɛɛ sɛ ɛkɔm kɛseɛ rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio berɛ soɔ no.


Na yɛpɛ sɛ yɛtie deɛ wo ara wodwene, na fekuo yi deɛ, yɛnim sɛ wɔkasa tia wɔ mmaa nyinaa.


Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne firi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duruu wiase ano.


Na mo deɛ, mo asoɔmmerɛ no atrɛ aduru nnipa nyinaa aso mu; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafoɔ, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho,


Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mofiri akoma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sononko a wɔde mo ahyɛ mu no.


Nyankopɔn adom a wɔde adom mo wɔ Kristo Yesu mu no nti, meda me Nyankopɔn ase daa wɔ mo ho,


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔma yɛdi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ ho hwa adi mmaa nyinaa;


Yei nti, me nso metee mo ho Awurade Yesu mu gyidie ne mo dɔ a mode dɔ ahotefoɔ nyinaa no,


mennyae mo ho aseda ne mo dinbɔ me mpaebɔ mu.


ɔno na animuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ berɛsanten a ɛbɛba no ntoatoasoɔ nyinaa mu. Amen.


monna Agya Nyankopɔn ase daa wɔ ade nyinaa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu,


na tenenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.


Meda me Nyankopɔn ase nkaeɛ a mede mekae mo no nyinaa mu.


Da biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya ase,


Da biara, yɛda Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, na yɛbɔ mo din wɔ yɛn mpaebɔ mu,


Yei nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ monyaa Nyankopɔn asɛm no firii yɛn nkyɛn no, mogyee, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Nyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, ɛno nso na ɛyɛ mo a mogye die no mu adwuma kɛse.


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ.


Meda Onyankopɔn a mefiri ahonim pa mu mesom no sɛ m’agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo,


Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase,


Enti momma yɛmfa ne so mmɔ Nyankopɔn ayeyie afɔdeɛ daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.


mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios