Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 ɛne sɛ ɛnam mo gyidie ne me deɛ so, yɛn nyinaa bɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ yɛn mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 ɛne sɛ ɛnam mo gyidie ne me deɛ so, yɛn nyinaa bɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ yɛn mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nea mekyerɛ ne sɛ me ne mo nyinaa benya honhom mu ahoɔden bere koro mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidi mu den.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Deɛ mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden ɛberɛ korɔ mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 ɛne sɛ ɛnam mo gyidi ne me gyidi so, yɛn nyinaa benya awerɛkyekye wɔ yɛn mu.

Ver Capítulo Copiar




Romafo 1:12
17 Referencias Cruzadas  

Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Ɛfiri sɛ m’ani agyina sɛ mɛhu mo, na mede honhom adom akyɛdeɛ bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den,


Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede bɛsie mo sɛ mabɔ me tirim mprɛ pii sɛ anka mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasi me kwan abɛduru sɛsɛɛ), na manya mo nso mo mu aba bi, sɛ amanaman a aka no.


da biara a mɛtu kwan makɔ Spania no, m’ani da so sɛ, mebɛfa hɔ a, mɛhunu mo anim, na sɛ megye m’ani kakra wɔ mo nkyɛn ansa a, moagya me kwan akɔ hɔ.


na menam Nyankopɔn pɛ so maba mo nkyɛn anigyeɛ mu, na me ne mo abɛdwodwo yɛn ho.


Yei nti yɛn werɛ akyekye. Na yɛn awerɛkyekyerɛ yi mu yɛn ani gye boroo so, ɛnam Tito anigyeɛ no nti, ɛfiri sɛ mo nyinaa momaa ne honhom nyaa ahotɔ.


Awurade baako, gyidie baako, asubɔ baako,


na mekae wo nisuo a, ɛma m’ani gyina sɛ mɛhu woɔ, na anigyeɛ ayɛ me ma,


de kɔma Tito, me ba pa gyidie korɔ no ara fam. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo!


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu:


M’ani agye kɛse, sɛ mahunu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokorɛ mu, sɛdeɛ yɛanya ahyɛdeɛ firi Agya no nkyɛn no.


Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios