Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Romafo 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi ɔnnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi ɔnnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Bere biara a mebɔ mpae no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mintumi mmɛsra mo mprempren ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mentumi mmɛsra mo seesei ara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi onnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Romafo 1:10
15 Referencias Cruzadas  

Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane maba mo nkyɛn bio. Na ɔfirii Efeso sii nsuo ani.


Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.


Na ɔmpene so mma yɛn no, yɛgyaee kaa sɛ: Deɛ Awurade pɛ nyɛ hɔ.


Na menim sɛ meba mo nkyɛn a, mɛba no Kristo asɛmpa nhyira mayɛ mu.


Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a wɔnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne yɛn nua Sostene


Nso sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ na maba mo nkyɛn, na mabɛhunu wɔn a wɔrehoahoa wɔn ho no tumi, na ɛnyɛ wɔn nsɛm a.


Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;


Enti anka yɛpɛɛ sɛ yɛba mo nkyɛn, me Paulo titire, ne prɛko ne mprenu so, nanso Satan sii yɛn kwan.


Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ, ɛnam mo mpaebɔ so. wɔde me bɛsane abrɛ mo.


Na mesrɛ mo ara yie sɛ monyɛ yei, na wɔagyae me ama mo ntɛm pa.


Na mmom anka ɛsɛ sɛ moka sɛ: Sɛ Awurade pɛ na yɛnya nkwa a, yɛbɛyɛ yei anaa yei.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios