Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 9:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Adeɛ nyinaa ba ateasefoɔ nyinaa so pɛ, nkrabea korɔ na ɛda hɔ ma ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ, deɛ ne ho te ne deɛ ne ho nteɛ, deɛ ɔbɔ afɔdeɛ ne deɛ ɔmmɔ afɔdeɛ. Onipa pa te sɛ ɔdebɔneyɛni, deɛ ɔka ntam te sɛ deɛ ɔsuro ntanka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Adeɛ nyinaa ba ateasefoɔ nyinaa so pɛ, nkrabea korɔ na ɛda hɔ ma ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ, deɛ ne ho te ne deɛ ne ho nteɛ, deɛ ɔbɔ afɔdeɛ ne deɛ ɔmmɔ afɔdeɛ. Onipa pa te sɛ ɔdebɔneyɛni, deɛ ɔka ntam te sɛ deɛ ɔsuro ntanka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔn nyinaa nkrabea yɛ baako; atreneefo ne amumɔyɛfo, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ. Sɛnea ɛte ma onipa pa no, saa ara na ɛte ma ɔbɔnefo; sɛnea ɛte ma wɔn a wɔka ntam no, saa ara na ɛte ma wɔn a wosuro sɛ wɔbɛka ntam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ. Sɛdeɛ ɛte ma onipa pa no, saa ara na ɛte ma ɔbɔnefoɔ; sɛdeɛ ɛte ma wɔn a wɔka ntam no, saa ara na ɛte ma wɔn a wɔsuro sɛ wɔbɛka ntam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Ade nyinaa ba ateasefo nyinaa so pɛ, nkrabea koro na ɛda hɔ ma ɔtreneeni ne ɔbɔnefo, nea ne ho tew, ne nea ne ho ntew, nea ɔbɔ afɔre ne nea ɔmmɔ afɔre; nea ɔteɛ te sɛ ɔdebɔneyɛfo, nea ɔka ntam te sɛ nea osuro ntanka.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 9:2
22 Referencias Cruzadas  

na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba.


Ne nyinaa yɛ bafua; enti na mese: Deɛ ɔdi mu ne ɔbɔnefoɔ nyinaa na ɔsɛe wɔn.


Na metwee ahokyerɛfoɔ ho ninkunu, ɛfiri sɛ mehunuu abɔnefoɔ yie a wɔdie no.


Na onipa a ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔma no ha ne ho tase adeɛ boa ano de ma deɛ ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na nnipa mma hyɛberɛ ne mmoa hyɛberɛ sɛ, na hyɛberɛ korɔ da hɔ ma wɔn, sɛ oyi wuo teɛ no, sɛ oyi wuo nso teɛ ne no, na honhom baako na wɔn nyinaa wɔ, na kyɛne a onipa bɛkyɛne aboa nni hɔ; na adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ.


Na sɛ mpo ɔdi mfeɛ apem mmɔho, nanso wannya mu papa biara a, ɛnyɛ faako na wɔn nyinaa korɔ?


Ɛyɛ sɛ wosɔ yei mu, na yei nso wonyi wo nsa mfiri ho. Na deɛ ɔsuro Onyankopɔn bɛfiri ne nyinaa mu.


Efie a ayie wɔ mu korɔ yɛ sene efie a apontoɔ wɔ mu korɔ, ɛfiri sɛ ɛno yɛ nnipa nyinaa awieeɛ, na ɔteasefoɔ de hyɛ n’akomam.


Mesane mehunuu owia yi ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefoɔ deɛ ne ammirikatuo, na ɛnyɛ nnɔmmarima deɛ ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafoɔ deɛ ne aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ deɛ ne ahonya, na ɛnyɛ animdefoɔ deɛ ne animuonyam, na ɛberɛ ne asiane to wɔn nyinaa.


Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.


mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhene mmammaa ne nnipa a Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa wɔn Safan ba Ahikam ba Gedalia nkyɛn no nyinaa ne Odiyifoɔ Yeremia ne Neria ba Baruk,


Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.


Ɛnna mobɛsane ahunu nsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam, ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na ɔman no duruu kwaeɛ no mu no, na hwɛ, ɛwoɔ resosɔ; nanso obiara amfa ne nsa ankɔ n’ano, ɛfiri sɛ ɔman no suro ntam no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios