Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 8:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde bɛsi honhom no kwan, na owuda so tumi nni hɔ, na ɛkwanma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfoɔ mfiri mu mfi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde bɛsi honhom no kwan, na owuda so tumi nni hɔ, na ɛkwanma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfoɔ mfiri mu mfi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Obiara nni mframa so tumi na waboa ano; saa ara na obiara nni ne wuda so tumi. Sɛ wonnyaa obiara wɔ ɔko bere mu no, saa ara na amumɔyɛ rennyaa wɔn a wodi amumɔyɛsɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Obiara nni mframa so tumi na waboa ano; saa ara na obiara nni ne wuda so tumi. Na sɛdeɛ wɔmma obiara nkɔ ahomegyeɛ wɔ ɔko berɛ mu no, saa ara na amumuyɛ rennyaa wɔn a wɔdi amumuyɛsɛm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde besiw honhom no kwan, na owu da so tumi nni hɔ, na ɔkwamma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfo mfi mu mfi.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 8:8
21 Referencias Cruzadas  

Ɛtwa sɛ yɛn nyinaa wuo, na yɛte sɛ nsuo a wɔahwie agu fam a wɔntumi mmoa ano bio; na Onyankopɔn rekum obi a ɔdwene akwan a ɛremma onipa a wɔapam no nsane mma fie bio.


Na wɔdii wɔn akyi de kɔduruu Yordan ano, na hwɛ, ntadeɛ ne nnoɔma nnoɔma a Siriafoɔ atoto agu wɔn ntɛmpɛ no mu ayɛ ɔkwan no nyinaa so ma. Na abɔfoɔ no sane ba bɛka kyerɛɛ Ɔhene.


Sɛ wɔahyɛ me nna ato hɔ, na n’abosome dodoɔ wɔ wo tirim, na woatwa hyeɛ a ɔrensiane ho ama no a,


Sɛ ɔgye ne home fa na ɔtwe ne honhom ne n’ahome ba ne nkyɛn a,


Ɔdasani bɛn na ɔte ase a ɔrenhunu owuo, na ɔbɛyi ne kra afiri Asamando nsam?


Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando, amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.


Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim, na ateneneefoɔ nhini rempusu.


Wɔsum ɔbɔnefoɔ twene, ne bɔneyɛ mu, na ɔteneneeni wɔ ne wuo mu anidasoɔ.


Hwan na ɔnim nnipa mma honhom sɛ ɔforo kɔ ɔsoro ne mmoa honhom sɛ ɔsiane kɔ asase aseɛ?


Na ɛrenwie ɔbɔnefoɔ yie, na ɔremma ne nna nkyɛ, ɔte sɛ sunsum, ɛnam sɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ntira.


Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.


Na moka sɛ: Yɛne owuo apam, na yɛne Asamando adi nkasasie; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.


na mo ne owuo apam no wɔbɛtwam, na mo ne Asamando nkasasie no rennyina; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛbɛtiatia mo so;


Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu kaa sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, maa wokaa no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obi nni akyire bio.


Wɔdua no deɛ ɛnni anidie mu, ɛbɛnyane animuonyam mu. Wɔdua no mmerɛyɛ mu, ɛbɛnyane tumi mu.


Na mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu deɛ, nanso ɔnam Nyankopɔn tumi so te ase. Na yɛn nso yɛyɛ mmerɛ wɔ ne mu deɛ, nanso yɛn ne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase wɔ mo fam.


Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛwu prɛko na ɛno akyi atemmuo bɛba no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios