Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 8:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na obi nni hɔ a ɔnim deɛ ɛbɛba, na sɛdeɛ ɛbɛba no, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na obi nni hɔ a ɔnim deɛ ɛbɛba, na sɛdeɛ ɛbɛba no, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm nti, hena na obetumi akyerɛ ɔfoforo nea ɛreba?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm enti, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛreba?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na obi nni hɔ a onim nea ɛbɛba, na sɛnea ɛbɛba no, hena na obetumi akyerɛ no?

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 8:7
14 Referencias Cruzadas  

na Haman kaa sɛ: Nso Ɔhemmaa Ester amma obiara ne ɔhene amma ɛpono a ɔtoeɛ no ase gye me nko ara, na ɔkyena nso wɔahyia me ne ɔhene rekɔ ne nkyɛn.


na mpofirim na amaneɛ firi wɔn hɔ bɛba, na ɔsɛeɛ a ɛbɛfiri wɔn baanu hɔ no, hwan na ɔnim?


Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda no de bɛba.


Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.


Ɔkwasea nso ma nsɛm dɔɔso. Onipa nnim deɛ ɛreba, na deɛ ɛbɛba n’akyire no, hwan na ɔbɛkyerɛ no?


Na mehunuu sɛ adepa biara nni hɔ gye sɛ onipa ani gye ne nnwuma mu, na ɛne ne kyɛfa. Na hwan na ɔde no bɛba na wabɛhwɛ deɛ ɛbɛba akyire no?


Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa, nkwa mu, ne nkwa huhuo mu, na nna dodoɔ a ɔdie sɛ sunsum no? Na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ onipa deɛ ɛbɛba wɔ ne wuo akyi?


Da pa mu, ma w’ani nnye, na da bɔne mu, dwene ho; Onyankopɔn ayɛ yei nso aka ɛno ho, deɛ ɛbɛyɛ na onipa anhunu n’akyiri biribiara.


Na yei nyinaa na mede mehyɛɛ m’akomam, na mepeepee yei nyinaa mu, sɛ ateneneefoɔ ne anyansafoɔ ne wɔn nnwuma wɔ Nyankopɔn nsam, ɔdɔ oo, ɔtane oo, onipa nnim, nnoɔma nyinaa yɛ wɔn pɛ.


Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.


Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na Onipa Ba no reba.


akoa no wura bɛba da a n’ani nna no kwan, ne dɔn a ɔnnim mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios